Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Kolosefo 1:1 - Twerɛ Kronkron

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, ne onua Timoteo

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa krataa yi fi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, ɔyɛ Kristo somafo no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafoɔ, ne onua Timoteo

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Krataa yi firi Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, ɔyɛ Kristo somafoɔ no ne yɛn nua Timoteo nkyɛn,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Paulo a ɔnam Onyankopɔn pɛ so yɛ Kristo Yesu somafo ne onua Timoteo,

Ver Capítulo Copiar




Kolosefo 1:1
11 Referencias Cruzadas  

Na Paulo kɔduruu Derbe ne Listra nso, baabi a na osuani bi wɔ hɔ a ne din de Timoteo a ɔyɛ Yudani baa bi a ɔyɛ gyidini ba, nanso n’agya yɛ Helani.


Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafoɔ na wɔayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa


Paulo, Kristo Yesu somafoɔ a wɔnam Nyankopɔn pɛ so afrɛ no, ne yɛn nua Sostene


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so yɛ Yesu Kristo somafoɔ ne onua Timoteo de kɔma Nyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefoɔ nyinaa a wɔwɔ Akaia man nyinaa mu.


Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ:


Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa, de kɔma Kristo Yesu mu ahotefoɔ a wɔwɔ Filipi nyinaa ne ahwɛfoɔ ne asomfoɔ:


Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo a ɛwɔ Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu. Adom ne asomdwoeɛ nka mo.


Na yɛsomaa Timoteo a ɔyɛ yɛn nua ne yɛn yɔnko dwumayɛni ma Onyankopɔn wɔ Kristo asɛmpa mu, sɛ ɔmmɛhyɛ mo den na ɔntu mo fo mo gyidie ho,


Paulo ne Silwano ne Timoteo de kɔma Tesalonikafoɔ asafo wɔ yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mu:


Paulo, Kristo Yesu deduani, ne onua Timoteo, de kɔma Filemon, yɛn dɔfo ne yɛn yɔnko dwumayɛni,


Monhunu sɛ wɔagyaa yɛn nua Timoteo; na sɛ ɔba ntɛm pa a, me ne no bɛba abɛhu mo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios