Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 9:2 - Twerɛ Kronkron

2 Ayuporebea ne nsa-kyi-amena renyɛne wɔn, na nsamono no bɛdi wɔn hwammɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awiporowbea ne nsakyiamoa rentumi mma nnipa no aduan; nsa foforo nso bɛbɔ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Ayuporebea ne nsa-kyi-amena renyɛne wɔn, na nsamono no bɛdi wɔn hwammɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ayuporobea ne nsakyimena rentumi mma nnipa no aduane; nsã foforɔ nso bɛbɔ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Awiporowbea ne nsa-kyi-amoa renyɛn wɔn, na nsamono no bedi wɔn huammɔ.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 9:2
12 Referencias Cruzadas  

Na wɔduruu Atad ayuporebea a ɛwɔ Yordan agya nohoa no, wɔtwaa kwadwom kɛseɛ a emu yɛ den wɔ hɔ, na ɔgyam n’agya nnanson.


Na mɛma n’ahosɛpɛ nyinaa to atwa, ne nnapɔnna, ne bosome foforɔ ne ne homeda ne n’afahyɛ nyinaa.


Na mɛsɛe ne bobe ne ne borɔdɔma a ɔkaa sɛ: Yeinom ne m’apɛdeɛ a m’adɔfoɔ de maa me no ne no; na mɛyɛ no kwaeɛ ama wiram mmoadoma adi.


Saa nti mɛsane mabɛgye m’ayuo, ne berɛ mu, ne me nsa, ne hyɛberɛ mu, na mayi me dwannwi ne m’asaawa a ɔde kataa n’adagya soɔ no.


Enti ɛnam sɛ motiatia mmɔborɔni soɔ na mogye ne hɔ ayuo nti, mode aboɔ a wɔatwa atoto aban, nanso morentena mu, moatɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ, nanso morennom mu nsa.


Mohwɛɛ adeɛ pii kwan, na hwɛ, ayɛ ketewa. Na mode baa efie, na mehuu mu. Ɛdeɛn ntira? Asafo AWURADE asɛm nie. Me fie a ayɛ dantuo ntira, na mo deɛ, motu mmirika kɔ mo afie.


ɛyɛɛ mo deɛn? Obi ba ayukuo susuo adeɛ aduonu ho a, na ɛyɛ du. Obi ba nsa-kyi-amena ho bɛsa nhina aduonum a, na ɛyɛ aduonu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios