Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 7:4 - Twerɛ Kronkron

4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, te sɛ ɔfononoo a paanootoni ahyɛ mu gya na ɔgyae mu pia firi mmɔre feteɛ so kɔsi ne ka soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔn nyinaa yɛ aguamammɔfo a akɔnnɔ redɛw wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya bere a brodotofo ahyɛ ase refɔtɔw nʼasikresiam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, te sɛ ɔfononoo a paanootoni ahyɛ mu gya na ɔgyae mu pia firi mmɔre feteɛ so kɔsi ne ka soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefo, te sɛ ɔfononoo a abodootofo ahyɛ mu gya, na ogyae mu pia fi mmɔre fɔtɔw so kosi ne kaw so.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 7:4
10 Referencias Cruzadas  

Na awaresɛefoɔ ahyɛ asase no so ma; na nnome nti asase no di abooboo, ɛserɛ so adidibea akusa; na wɔn mmirikatuo yɛ bɔne, na wɔn mmaninyɛ nso ntene.


O sɛ me tiri yɛɛ nsuo na m’ani yɛɛ nisuo abura a, anka mɛsu me man babaa wuo no awia ne anadwo.


Sɛ merenya akwantemfoɔ asoɛeɛ wɔ anwea pradada so ɛ! Anka mɛgya me man hɔ, na mafiri wɔn nkyɛn makɔ! ɛfiri sɛ wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ, nkɔnkɔnsafoɔ asafo.


Wɔbɛdidi, na wɔremmee; wɔbɛbɔ adwaman na wɔn ase renkyene; ɛfiri sɛ wɔagya buo a anka ɛsɛ sɛ wɔbu AWURADE no.


Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman.


Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so.


Mo ahohoahoa no nyɛ fɛ. Monnim sɛ mmɔreka kakra na ɛka mmɔre no nyinaa?


Awaresɛefoɔ, monnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtane a wɔtane Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfoɔ no gyina hɔ sɛ Nyankopɔn tamfo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios