Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 7:12 - Twerɛ Kronkron

12 Wɔrekorɔ no, mɛtrɛ me ntentan mu makata wɔn so; mɛduru wɔn sɛ ewiem nnomaa; mɛtwe wɔn aso, na wɔn asafo bɛte nka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ wɔkɔ a, mɛtow mʼasau agu wɔn so; atwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa. Sɛ mete sɛ wɔretu abɔ mu a, mɛkyere wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Wɔrekorɔ no, mɛtrɛ me ntentan mu makata wɔn so; mɛduru wɔn sɛ ewiem nnomaa; mɛtwe wɔn aso, na wɔn asafo bɛte nka.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Sɛ wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so; atwe wɔn aba fam te sɛ ewiem nnomaa. Sɛ mete sɛ wɔretu abom a, mɛkyere wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Wɔrekɔ no, mɛtrɛw m’atena mu makata wɔn so; meduru wɔn sɛ wim nnomaa; mɛtwe wɔn aso, na wɔn asafo bɛte nka.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 7:12
15 Referencias Cruzadas  

ɛnneɛ monhunu sɛ Onyankopɔn na wakyea me kwan ama me, na ɔde n’asau atwa me ho ahyia.


Nso onipa nnim ne berɛ; sɛ mpataa a wɔyi wɔn asau bɔne mu ne nnomaa a wɔyi wɔn fidie mu no, saa ara na wɔyi nnipa mma berɛ bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.


Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofoɔ pii aba, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔyi wɔn, na yei akyiri no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfoɔ pii aba na wɔakɔtwe wɔn afiri mmepɔ nyinaa so ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu.


Na mesomaa me nkoa adiyifoɔ no nyinaa maa wɔbaa mo nkyɛn, metuaa nhema mesomaa sɛ: Monnyɛ akyiwadeɛ a ɛyɛ me tane yi bi.


Na mede m’asau bɛgu ne so, na wɔayi no me fidie mu, na mede no akɔ Babel, Kaldeafoɔ asase so. Na ɛno mpo ɔrenhunu, na ɛhɔ na ɔbɛwuo.


Na mɛtrɛ m’asau ne so, na wɔayi no me fidie mu, na mede no akɔ Babel, na fom a ɔfom me no, me ne no bɛdi wɔ hɔ;


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛto m’asau agu wo so, aman bebree asafo mu, na wɔde me boa ayi wo aforo aba,


Efraim bɛdane amamfo, asotwe da no; mama wɔahunu Israel mmusuakuo ho asɛm a ɛbɛtim mu.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios