Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 4:6 - Twerɛ Kronkron

6 Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu; na wo nso, woapo nimdeɛ nti, mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ; na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Nimdeɛ a me nkurɔfo nni nti wɔresɛe. “Sɛ moapo nimdeɛ nti, me nso mapo mo sɛ mʼasɔfo; sɛ moabu mo ani agu mo Nyankopɔn mmara so nti, me nso mabu mʼani agu mo mma so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu; na wo nso, woapo nimdeɛ nti, mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ; na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Nimdeɛ a me nkurɔfoɔ nni enti wɔresɛe. “Sɛ moapo nimdeɛ enti, me nso mapo mo sɛ mʼasɔfoɔ; sɛ moabu moani agu mo Onyankopɔn mmara so enti, me nso mabu mʼani agu mo mma so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Nimdeɛ a me man nni nti, wobetwa wɔn agu; na wo nso, wopoo nimdeɛ nti, mɛpo wo sɛ: Nni me sɔfo; na wo werɛ afi wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ befi wo mma.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 4:6
54 Referencias Cruzadas  

Na Israel nna bebree wɔ hɔ a wɔnni nokorɛ Nyankopɔn na wɔnni ɔsɔfoɔ a ɔkyerɛkyerɛ, na wɔnni mmara.


Na sɛ wɔantie a, wɔtɔ dadeɛ ano, na wɔgyaa mu nimdeɛ a abɔ wɔn no mu.


Me mmɔdemmɔ redɛre me mu sɛ ogya, ɛfiri sɛ m’ahohiahiafoɔ werɛ afiri wo nsɛm.


Hwɛ m’amanehunu, na yi me, na me werɛ mfiri wo mmara.


Abɔnefoɔ nhoma abebare me ho, me werɛ mfirii wo mmara.


Na wo na wogye ahobrɛasefoɔ, na wobrɛ ahantanfoɔ ase.


Ɔteneneeni ano yɛne nnipa pii, na agyimifoɔ deɛ, etire a wɔnnie nti wɔwuwu.


Ɔkra a nimdeɛ abɔ no nyɛ, na deɛ ne nan ase yɛ herɛ no yɛ bɔne.


Nantwie nim ne wura, na afunumu nim ne wura adididaka, na Israel deɛ, ɔnnim, me man nni nteaseɛ.


Ɛfiri sɛ wo werɛ afiri wo nkwagyeɛ Nyankopɔn, na w’ahoɔden Botan no, wonkae no; enti wodua nnua fɛfɛ na wotɛ ananafoɔ tɛ nnua;


Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu, mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu, enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn, na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Na yeinom nso tɔ ntintan wɔ nsa mu na wɔhinhim wɔ nsaden mu, ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ tɔ ntintan wɔ nsaden mu. Nsa amene wɔn, nsaden nti wɔhinhim, wɔyɛ mfomsoɔ wɔ adehunu mu, wɔpo dodoɔ wɔ asennie mu.


anaasɛ, wɔde ma deɛ ɔnnim nwoma sɛ: Kenkan yei ɛ! a ɔka sɛ: Mennim nwoma!


Me man deɛ, mmɔfra na ɛhyɛ wɔn soɔ, na mmaa di wɔn so. Ao, me man, w’akwankyerɛfoɔ yɛ nnaadaafoɔ, na wɔsɛe w’akwan tempɔn no.


Monhyia mmra, mommom mpinkyɛ, mo a moafiri mu afire wɔ amanaman mu. Wɔnnim de, wɔn a wɔsoso wɔn ahoni nnua, na wɔkɔ so ara bɔ onyame a ɔntumi nnye nkwa mpaeɛ.


Enti wɔrebɛtu me man akɔ, nimdeɛ a wɔnnie nti; na ɛkɔm bɛkum n’animuonyamfoɔ, na sukɔm ade wɔn dɔm;


Asɔfoɔ no ammisa sɛ: Ɛhe na AWURADE wɔ? Na mmarakyerɛfoɔ no nnim me, na ahwɛfoɔ no afom me, na adiyifoɔ no nam Baal so hyɛɛ nkɔm, na wɔdii nnoɔma a ɛho nni mfasoɔ akyi.


Ɛfiri sɛ me man agyimi. Wɔnnim me, wɔyɛ mma nkwaseafoɔ, na wɔnni nhunumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ, na papayɛ deɛ, wɔnnim.


Montie yei ɛ, ɔman nkwaseafoɔ a wɔnni tire, wɔwɔ ani, nso wonhunu adeɛ, wɔwɔ aso, nso wɔnte asɛm.


Na wɔnkyerɛ me man akronkronneɛ ne deɛ abuo so ntam nsonsonoeɛ, na wɔmma wɔnhunu deɛ ɛho wɔ fi ne deɛ ɛho teɛ ntam nsonsonoeɛ.


Ɛberɛ a wɔnyaa adidibea pa no, wɔmee, wɔmee na wɔn akoma maa ne ho so, enti wɔn werɛ firii me.


Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso, sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho, na ɔdii n’adɔfo akyi, na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie.


Montie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham. Na nokorɛ ne adɔeɛ ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so.


Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman.


Merentwe mo mmammaa aso adwamammɔ ho, ne mo nsiwa awaresɛeɛ ho, na mmarima no nso wɔne mmaa nnwamamfoɔ mane, na wɔne mmosomfenaa bɔ afɔdeɛ; na ɔman a wɔnni nhunumu no bɛbɔ.


Wɔn nneyɛɛ mma wɔnsane mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na adwamammɔ honhom wɔ wɔn mu, na wɔnnim AWURADE.


Na mepɛ adɔeɛyɛ na ɛnyɛ afɔrebɔ, ne Nyankopɔn ho nimdeɛ sene ɔhyeɛ afɔdeɛ.


Na Efraim adane sɛ aburuburo, ɔkwasea a ɔnni ti; wɔrepɛ Misraim hɔ mmoa no, na wɔredan Asiria nso.


Ahɔhoɔ adi n’ahoɔden, nso ɔnnim; ɛdwono nso ahura ne tirim, nso ɔnnim.


Fa totorobɛnto tua w’ano; ɛbɛba AWURADE fie so sɛ ɔkɔdeɛ; ɛfiri sɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.


Matwerɛ me mmara dodoɔ no mama wɔn, wɔbuu no sɛ amannɔne adeɛ.


Na Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ, na wɔasisi aban fɛfɛ, na Yuda ama nkuro a ɛyɛ den adɔ; nanso mɛto ne kuro mu gya, na ahye n’aban a ɛkorɔn no.


Me Nyankopɔn apo wɔn, ɛfiri sɛ wɔantie no; na wɔbɛyɛ abatafoɔ amanaman mu.


na Yisai woo Ɔhene Dawid. Na Dawid ne deɛ kane na ɔyɛ Uria yere no woo Salomo,


Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.


Ɔman yi de wɔn anofafa na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, atwe afiri me ho kɔ akyirikyiri.


Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios