Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 13:13 - Twerɛ Kronkron

13 Ɔwofoɔ awoɔ bɛka no; ɔno deɛ, ɔyɛ ɔba a ɔnni nyansa, sɛ ɛduru ne berɛ so a, ɔmmmɛgyina deɛ mma fa mu siane hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔbɛte ɔyaw te sɛ ɔbea a ɔreko awo, na abofra no nnim nyansa nti; sɛ bere no du a, ɔmma awotwaa no ano.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Ɔwofoɔ awoɔ bɛka no; ɔno deɛ, ɔyɛ ɔba a ɔnni nyansa, sɛ ɛduru ne berɛ so a, ɔmmmɛgyina deɛ mma fa mu siane hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔbɛte ɔyea te sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ, na abɔfra no nnim nyansa nti; sɛ berɛ no duru a, ɔmma awotwaa no ano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Ɔwofo awoko bɛka no; ɔno de, ɔyɛ ɔba a onni nyansa, sɛ edu ne bere so a, ommegyina nea mma fa mu sian hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Hosea 13:13
23 Referencias Cruzadas  

na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia seɛ nie: Ahohiahia ne asotwe ne nsopa da ne nnɛ, na mma aduru awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.


Nketenkete kutaa wɔn, yea kaa wɔn sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ.


Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta, nanso adwenemharefoɔ deɛ, wɔkɔhyɛ mu, na wɔnya asotwe.


na wɔn ho bɛdwiri wɔn, nketenkete ne awerɛhoɔ bɛkuta wɔn, wɔbɛhunu yea sɛ ɔwofoɔ a ɔreko awoɔ. Wɔbɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim haa, wɔn anim bɛyɛ sɛ ogyaframa anim.


Enti m’asene mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɛkyem aka me sɛ ɔwofoɔ kyem; yea a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyera me nti, menhunu adeɛ,


Sɛdeɛ onyinsɛnfoɔ a ɔbɛn awoɔ kyem na ɔtea mu ne yea mu no, sɛdeɛ yɛteɛ, wo, AWURADE, anim ne no;


na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Hesekia seɛ nie: Ahohiahia ne asotwe ne abususɛnka da ne nnɛ, na mma aduru awotwaa ano, na ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.


Me, mɛma wɔabue awotwaa ano, na meremma wɔnwo? AWURADE na ɔseɛ. Anaa, me a mema wɔwoɔ no, mɛsi ano anaa? Wo Nyankopɔn na ɔseɛ.


Sɛ ɔde wɔn a wo ara woayɛne wɔn sɛ wo nnamfonom si wo so atitire a, ɛdeɛn na wobɛka? Awoɔ renka wo sɛ ɔbaa wofoɔ anaa?


Wo a wote Lebanon ayɛ wo pirebuo ntweneduro soɔ no, sɛ ɔyea ne awoko a ɛte sɛ ɔbaa wofoɔ deɛ ba wo so a, sɛdeɛ wobɛsi ayɛ mmɔbɔ afa.


Mommisa ɛ, na monhwɛ, sɛ ɔbarima bɛko awoɔ anaa? Adɛn nti na mehunu mmarima nyinaa nsa sɛ ɛsisi wɔn asene, sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ deɛ, na obiara anim ayɛ fitaa yi?


Na metee nne a ɛte sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ deɛ, ahohiahia a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrebone awoɔ deɛ, Sion babaa nne, ɔsi apini, ɔtrɛ ne nsam sɛ: Mennue! Na me kra atɔ awudifoɔ nsam piti.


Damasko ahodwo, adane ne ho rebɛdwane; nketenkete akye no, ahohiahia ne yea akuta no sɛ ɔbaa wofoɔ.


Wɔn nneyɛɛ mma wɔnsane mma wɔn Nyankopɔn nkyɛn, na adwamammɔ honhom wɔ wɔn mu, na wɔnnim AWURADE.


Ɔbaa, sɛ ɔrewo a, ɔte yea, ɛfiri sɛ ne dɔn adu; na sɛ ɔnya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigyeɛ a wanya sɛ wɔawo ɔba aba wiase no nti.


Na ɛduru berɛ bi mu a, ɔbɔfoɔ siane ba tadeɛ no mu bɛhono nsuo no, na deɛ nsuo no hono akyiri no, ɔdi kan kɔ mu no, yadeɛ biara a ɔyareɛ no, na ne ho ayɛ no den.]


Na ɔreka tenenee ne anidahɔ ne atemmuo a ɛreba no ho asɛm no, Felike suroe, na ɔkaa sɛ: Seesei deɛ, kɔ, na menya adagyeɛ a, mɛma wɔabɛfrɛ wo.


Na ɔka sɛ: Ɛberɛ a ɛsɛ mu na matie woɔ, nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ! Hwɛ, ɛnnɛ ne adom berɛ; hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.


AWURADE na motua no ka seyie yi? Ɔman nkwaseafoɔ a wonni tire! Ɛnyɛ ɔno ne w’agya a ɔnyaa woɔ? Ɔno na ɔyɛɛ woɔ na ɔde wo tim hɔ.


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios