Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hosea 12:3 - Twerɛ Kronkron

3 Ɔyafunum na ɔsɔɔ ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin; onyinii no, ɔne Onyankopɔn peperee so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Ɔyafunum na ɔsɔɔ ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔyafunu mu na ɔsɔɔ ne nua nantin; ɔnyiniiɛ no, ɔne Onyankopɔn pepree so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Ɔyafunum na osoo ne nua nantin, na n’ahoɔden mu na ɔne Onyankopɔn koe;

Ver Capítulo Copiar




Hosea 12:3
14 Referencias Cruzadas  

Na ɛno akyiri no, ne nua no firi bae, na ne nsa kura Esau nantin, enti wɔtoo no din Yakob. Na wɔwoo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia.


Enti na AWURADE faa Israel abufuo sɛɛ, na ɔyii wɔn firii n’anim, wannya obiara sɛ Yuda abusuakuo nko.


Enti na AWURADE poo Israel asefoɔ nyinaa, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ɔde wɔn hyɛɛ afomfafoɔ nsa kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim guiɛ.


de kɔsii sɛ AWURADE yii Israel firii n’anim, sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no. Ɛno na wɔtuu Israel firii n’asase so kɔɔ Asiria de bɛsi nnɛ.


Enti me ne mo da so ham, AWURADE asɛm nie, na me ne mo mma mma bɛham.


Afei awieeɛ reba wo so, na mɛsoma m’abufuo aba wo so, na mabu wo w’akwan ho ntɛn, na mede w’akyiwadeɛ nyinaa bɛba wo so.


Afei ɛrenkyɛre na mahwie m’abufuhyeɛ agu wo so, na mawie m’abufuo wo mu, na mabu wo w’akwan ho atɛn, na mɛtea wo wɔ w’akyiwadeɛ nyinaa ho.


Montie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham. Na nokorɛ ne adɔeɛ ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so.


Na wɔbɛyɛ ɔman no sɛdeɛ wɔbɛyɛ ɔsɔfoɔ no, na mɛba mabɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne nti, na mama wɔn nneyɛɛ asane abɛbua wɔn atifi.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Yuda amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔapo AWURADE mmara na wɔanni n’ahyɛdeɛ soɔ, na wɔn torɔ a wɔn agyanom dii akyire no ma wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ nti.


Mmepɔ ne mo a mowɔ hɔ daa, asase nnyinasoɔ no, montie AWURADE nkurobɔ, na AWURADE ne ne man anya ɔham, na ɔne Israel bɛyi atɛn.


na ɔnnya nwoo mma no, na wɔnnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tiri mu a ɔbɔɔ no nyiyimu soɔ no atena hɔ, na amfiri nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios