Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 8:13 - Twerɛ Kronkron

13 Saa ara na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa akwan teɛ, na ɔbɔnefoɔ anidasoɔ bɛyera,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Saa na wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn no awiei te; saa ara na wɔn a wonni nyamesu no anidaso nkosi hwee.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Saa ara na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa akwan teɛ, na ɔbɔnefoɔ anidasoɔ bɛyera,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no awieeɛ teɛ; saa na wɔn a wɔnni nyamesu no anidasoɔ nkɔsi hwee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Saa ara na wɔn a wɔn werɛ fi Nyankopɔn nyinaa akwan te, na ɔbɔnefo anidaso bɛyera,

Ver Capítulo Copiar




Hiob 8:13
25 Referencias Cruzadas  

Abɔnefoɔ bɛsane akɔ Asamando, amanaman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn nyinaa.


Yei ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ, ɛfiri sɛ ɔbɔnefoɔ remma n’anim.


Na abɔnefoɔ deɛ wɔn ani so bɛsi na dwanekɔbea abɔ wɔn, na wɔn anidasoɔ bɛdane wɔn wuo.


Teneneefoɔ anidasoɔ bɛyɛ anigyeɛ, na deɛ abɔnefoɔ hwɛ no kwan no bɛyera.


na abɔnefoɔ fekuo bɛyɛ abonini, na ogya bɛhye adanmudegyeɛ ntomadan.


Wɔbutu abɔnefoɔ, na wɔnni hɔ, na ateneneefoɔ fie deɛ ɛbɛgyina.


Mo a mo werɛ firi Onyankopɔn no, monnwene yei ho ɛ, na mantete mo asinasini a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


sɛ abɔnefoɔ ahurisidie nkyɛ, na nyaatwomfoɔ anigyeɛ yɛ berɛ tiaa bi?


Na sɛ wo werɛ firi AWURADE wo Nyankopɔn, na wokɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn na wosɔre wɔn a, medi wo adanseɛ nnɛ, sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ.


na wabɛtwitwa ne mu asinasini na wamma ɔne nyaatwomfoɔ anya kyɛfa korɔ. Ɛhɔ na osu ne setwerɛ wɔ.


na mese: M’anidasoɔ ne deɛ mehwɛ AWURADE kwan wɔ ho no ayera!


Na wo werɛ afiri AWURADE a ɔyɛɛ woɔ na ɔtrɛɛ ɔsoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no, na wo ho popo daa daa nyinaa, ɔhodwanfoɔ abufuo nti sɛdeɛ ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribie, na ɛhe na ɔhodwanfoɔ abufuo no wɔ?


Sion mu nnebɔneyɛfoɔ ho popo, na ehu aka ahuhufoɔ: Yɛn mu hwan na ɔbɛtena ogya a ɛhye adeɛ ho? Yɛn mu hwan na ɔbɛtena daa gyadɛreɛ mu?


Ɔbɔnefoɔ dwa n’anomu ka sɛ: Hwee mfa ne ho. Onyankopɔn bi nni baabi! n’adwene nyinaa ne no.


Na akoma mu ansuronyamefoɔ kora abufuo, sɛ ɔkyekyere wɔn a, wɔnkoto nsrɛ.


Wɔbɛtu n’anidasoɔ afiri ne ntomadan mu, na wɔde no akɔ ahudeɛ mu hene no nkyɛn.


hwɛ yie na w’akoma amma ne ho so, na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn a ɔyii wo Misraim asase so firii nkoa fie no;


Hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn sɛ worenni ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ;


hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE a ɔyii wo Misraim asase so firii nkoafie mu no:


Ɛda so wɔ ne frɔmfrɔmyɛ mu a wɔntwaeɛ no, ɛdi wura nyinaa anim kusa.


Ɔbɔnefoɔ bɛhunu ama no ayɛ no ahi, ɔbɛtwɛre ne se na wahodwo, abɔnefoɔ adeɛ a wɔpɛ bɛyera.


Onipa bɔne wu a, n’anidasoɔ yera, na amumuyɛfoɔ kwanhwɛ yera.


Na abɔnefoɔ deɛ, wɔnte saa, na wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios