Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 5:9 - Twerɛ Kronkron

9 deɛ ɔyɛ ade kɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu, anwanwadeɛ nso a wɔntumi nkan.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔyɛ anwonwade a wontumi nhwehwɛ mu, ne nsɛnkyerɛnne a wontumi nkan ne dodow.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 deɛ ɔyɛ ade kɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu, anwanwadeɛ nso a wɔntumi nkan.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔyɛ anwanwadeɛ a wɔntumi nhwehwɛ mu, ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔntumi nkan ne dodoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 nea ɔyɛ adekɛse a enni nhwehwɛm, anwonwade nso a wontumi nkan.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 5:9
18 Referencias Cruzadas  

Na sɛ mema me ho so a, wobɛti me sɛ gyata na woasane ne me adi anwanwasɛm.


Hwɛ, m’ani ahunu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate aseɛ;


Hiob, yɛ aso wɔ yei ho, gyina hɔ dwene Nyankopɔn anwanwadeɛ ho.


Wonim mununkum nkariiɛ, nimdeɛ mu mudifoɔ no anwanwadeɛ no?


Onyankopɔn de ne nne prannaa bobom ma no yɛ nwanwa, ɔyɛ adeɛ akɛseɛ a yɛnhunu mu,


Hwan ne deɛ ɔnni nimdeɛ, na ɔhono afotuo ani yi? Enti na mekaa deɛ mente aseɛ, anwanwadeɛ a ɛsene me a na mennim.


Ɔyɛ ade akɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu ne anwanwadeɛ a wɔntumi nkan.


Sɛ merekan a, ɛdɔɔso sene anwea, menyane a, meda so mewɔ wo ho ara.


AWURADE so, na ɔsɛ ayeyie kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛeɛ.


AWURADE, me Nyankopɔn, w’anwanwadeɛ ne w’adwene, woama no adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribiara nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sene sɛ wɔbɛtumi akan.


Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ, woasiesie aso de ama me, wommisa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ.


Nhyira ne AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn a ɔno nko yɛ anwanwadeɛ,


Na woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwadeɛ, wo nkutoo ne Onyankopɔn.


Wayɛ adeɛ nyinaa fɛfɛ ne berɛ mu; bio nso, ɔde mmerɛ santen ho adwene ahyɛ wɔn akoma mu, nanso nnipa ntumi nhunu deɛ Onyankopɔn ayɛ firi mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ no.


Adɛn wonhunui? Adɛn wonteeɛ? AWURADE yɛ daa Nyankopɔn, ɔno na ɔbɔɔ asase awieeɛ no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa aba; ne nhunumu mu nni ahwehwɛeɛ.


O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bunu a emu dɔ! Wɔrenhunu n’atemmuo mu peepee, na wɔrenhunu n’akwan akyiri hwehwɛ nwie da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios