Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 5:8 - Twerɛ Kronkron

8 Na me a, anka mɛhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan, na mede m’asɛm mahyɛ ne nsa,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka meguan atoa Onyankopɔn; na mede mʼasɛm ato nʼanim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na me a, anka mɛhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan, na mede m’asɛm mahyɛ ne nsa,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Nanso sɛ ɛyɛ me a, anka mɛdwane atoa Onyankopɔn; na mede mʼasɛm ato nʼanim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na me a, anka mɛhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan, na mede m’asɛm mahyɛ Onyankopɔn nsa,

Ver Capítulo Copiar




Hiob 5:8
16 Referencias Cruzadas  

Sɛ wo deɛ, wosiesie w’akoma, na wotrɛ wo nsam kyerɛ no a,


deɛ monim no, me nso menim. Mentɔ mu wɔ mo mu.


Me deɛ, mepɛ sɛ anka me ne Otumfoɔ no mmom bɛkasa, na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn bɛyiyi nsɛm ano.


Fa wo ho bɔ Nyankopɔn ho ɛ, na wo ho nnwo wo; yei mu na adepa bɛba ama woɔ.


Wobɛsrɛ no, na watie wo, na w’aboadeɛ ka no, woatua.


Sɛ wo ara wohwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan, na wokoto srɛ Otumfoɔ no,


Fa wo kwan hyɛ AWURADE nsam, na fa wo ho to ne so, na ɔno na ɔbɛyɛ,


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Nanso wo Asafo AWURADE a woyɛ ɔtemmufoɔ teneneeni, a wosɔ akoma ne adwene hwɛ, ma menhunu w’aweretɔ wɔ wɔn so, na wo na mede m’asɛm ahyɛ wo nsa.


Ɛno ara nti na mehunu amaneɛ yi nso, nanso m’ani nwu ho; ɛfiri sɛ menim onii ko a magye no madie, na megye medi pa ara sɛ ɔbɛtumi ahwɛ deɛ wɔde ahyɛ me nsa no so asie da no.


Ɔno na wɔyaa no, na wanya bie, ɔhunuu amane, nanso wanhunahuna, na mmom ɔde n’asɛm hyɛɛ deɛ ɔbu atɛntenenee no nsa.


Enti nso wɔn a wɔhunu amaneɛ sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ no mfa wɔn kra nhyɛ ne nsa, sɛ Ɔbɔadeɛ nokwafoɔ, na wɔnkɔ so ara wɔ papayɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios