Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 42:5 - Twerɛ Kronkron

5 Sɛ aso teɛ nko na metee wo nka, na afei deɛ, m’ani nso ahu wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Mate wo nka pɛn, na mprempren de, mʼani ahu wo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Sɛ aso teɛ nko na metee wo nka, na afei deɛ, m’ani nso ahu wo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Mate wo nka pɛn, na seesei deɛ, mʼani ahunu wo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Sɛ aso te nko na metee wo nka, na afei m’aniwa ahu wo.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 42:5
16 Referencias Cruzadas  

Ɛnneɛ afei na gyidie firi asɛm no tie mu, na otie nam Kristo ho asɛm so ba.


na deɛ ɔhu me no, hunu deɛ ɔsomaa me no.


Yesaia kaa yeinom, ɛfiri sɛ ɔhunuu n’animuonyam, na ne ho asɛm na ɔkaeɛ.


Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Ɛnna mekaa sɛ: Mennue, na mayera; na meyɛ onipa a m’ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu, ɛfiri sɛ Ɔhene, asafo AWURADE, na m’ani ahu no yi!


Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma.


emu na ɔbue nnipa aso, na ɔsɔ wɔn atenetene ano,


Na me deɛ, asɛm bi wiawiaa ne ho baa me nkyɛn, na m’aso tee ɛho asomusɛm bi.


Ɔyera amena ne owuo ka sɛ: Yɛde yɛn aso ate ne nka.


Hwɛ, yeinom ne n’akwan ano ano, na ɛho asomusɛm bi nko na yɛteɛ, na ne mmaninyɛ prannaa a ɛbom no, hwan na ɔbɛhunu mu?


Saa nti na mepo me ho na menu me ho, dɔteɛ ne nso mu.


AWURADE, mate wo nka, masuro; O AWURADE, kanyan w’adwuma no wɔ yɛn berɛ yi mu; ɛberɛ yi mu na ma wɔnhunu; w’abufuhyeɛ mu kae mmɔborɔhunu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios