Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 27:10 - Twerɛ Kronkron

10 Anaasɛ n’ani bɛgye Otumfoɔ ho, ɔbɛfrɛ Onyankopɔn berɛ nyinaa mu anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 So wɔn ani begye wɔ Otumfo no mu? Wobesu afrɛ Onyankopɔn bere biara ana?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Anaasɛ n’ani bɛgye Otumfoɔ ho, ɔbɛfrɛ Onyankopɔn berɛ nyinaa mu anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nʼani bɛgye wɔ Otumfoɔ mu? Ɔbɛsu afrɛ Onyankopɔn ɛberɛ biara anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Anaasɛ n’ani begye Otumfo ho, ɔbɛfrɛ Onyankopɔn bere nyinaa mu anaa?

Ver Capítulo Copiar




Hiob 27:10
14 Referencias Cruzadas  

na ma w’ani nka AWURADE ho, na wama wo deɛ w’akoma pɛ.


na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,


Ɔyɛ onyamesuroni a ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Onyankopɔn, na ɔyɛ mmɔborɔhunu adeɛ bebree ma nkurɔfoɔ no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa.


Na ɔbuu wɔn bɛ bi de kyerɛɛ sɛ ɛtwa sɛ nnipa bɔ mpaeɛ daa a wɔmmrɛ ho:


nanso ɔnni nhini wɔ ne mu, na ɔtena hɔ kakra, na sɛ asɛm no nti amanehunu anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato no suntidua.


me deɛ AWURADE mu na mɛdi ahurisie, na me ho bɛsɛpɛ me wɔ nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.


Na makɔ Nyankopɔn afɔrebukyia ho, m’ahurisie anigyeɛ Nyankopɔn nkyɛn, na mede sankuo mada wo ase, Onyankopɔn, me Nyankopɔn.


Mɛkyerɛ mo Nyankopɔn nsa ho asɛm, deɛ ɛwɔ Otumfoɔ hɔ no, merensi so.


Nanso obi nka sɛ: Ɛhe na Onyankopɔn, me yɛfoɔ no wɔ? Deɛ ɔma nnwom anadwo,


ɛnna w’ani bɛgye AWURADE ho, na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔnbea so, na mɛma woadi w’agya Yakob agyapadeɛ no, ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.


Enti omumuyɛfoɔ biara nni hɔ a ɔwɔ nimdeɛ, wɔn a wɔdi me man sɛdeɛ wɔdi aduane, na wɔnsɔre AWURADE?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios