Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 24:11 - Twerɛ Kronkron

11 Wɔkyi ngo wɔn afasuo mu, wɔtiatia nsa-kyi-amena so, nso wɔdi sukɔm.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wokyi ngo wɔn adan mu; wotiatia nsakyiamoa mu, nanso osukɔm de wɔn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Wɔkyi ngo wɔn afasuo mu, wɔtiatia nsa-kyi-amena so, nso wɔdi sukɔm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔkyi ngo wɔn adan mu; wɔtiatia nsakyimena mu, nanso osukɔm de wɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Wokyi ngo wɔn afasu mu, wotiatia nsa-kyi-amoa so, nso wodi sukɔm.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 24:11
7 Referencias Cruzadas  

Wɔma wɔnenam adagya a wɔnni ntoma, na wɔde ɛkɔm soasoa ayuo afiafi.


Nkuro mu nso na mmarima apinisie fire, na wɔn a wɔapira wɔn akra su frɛ, nanso Onyankopɔn mfa n’ani nkari amumuyɛsɛm no.


Ne ho yɛ hare wɔ nsuo ani; wɔadome ne kyɛfa asase so, ɔnnane n’ani nkɔ bobe nturo kwan so.


na wɔayi anigyeɛ ne ahosɛpɛ afiri mfuo papa mu, na wɔnte ahurisie dwom anaa nteateam wɔ bobe nturo mu, nsakyifoɔ nkyi nsa-kyi-amena mu nsa, atiatiafoɔ dwom nso, matwa so.


Deɛ ɔfa ɔkwan a ɛntene so kyekyere ne fie, na ɔde asisie si n’abansoro, na ɔma ne yɔnko yɛ adwuma kwa, na ɔmfa n’akatua mma no no nnue!


Nkata nantwie a ɔpore ayuo ano.


Hwɛ, adwumayɛfoɔ a wɔtutuu mo mfuo mu nnuane no akatua a mode nsisie de sieeɛ no team, na wɔn a wɔatwitwa mo mfuo mu adeɛ no nteamu aduru asafo Awurade no aso mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios