Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 22:6 - Twerɛ Kronkron

6 Sɛ woagye wo nuanom awowa ɔkwa, na woapa adagyafoɔ ho ntoma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Wopɛɛ bammɔ fii wo nuanom nkyɛn a emfi hwee so; wopaa nnipa ho ntama ma wɔdaa adagyaw.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Sɛ woagye wo nuanom awowa ɔkwa, na woapa adagyafoɔ ho ntoma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Wopɛɛ banbɔ firii wo nuanom nkyɛn a ɛnni nteaseɛ biara; wopaa nnipa ho ntoma ma wɔdaa adagya.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Sɛ woagye wo nuanom awowa kwa, na woapa adagyafo ho ntama.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 22:6
12 Referencias Cruzadas  

Sɛ wogye wo yɔnko ntoma awowa a, sane fa ma no ansa na owia akɔtɔ,


na ɔnhom obi so, na ɔnnye awowasideɛ nsie, na ɔnyɛ ɔpempensini, na ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no, ɔfira ɔdagyani ntoma,


na ɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, ɔyɛ ɔpempensideɛ nso ɔnnane mma, na ɔma n’ani so hwɛ ohoni huhuo yɛ akyiwadeɛ,


Wɔka nwisiaa afunumu kɔ, wɔgye akunafoɔ nantwie awowa.


Obi nnnye oyuyammoɔ ne ne ba sɛ awowa deɛ; sɛ ɛba saa a na onii no regye nkwa sɛ awowadeɛ.


na wɔda awowa ntoma soɔ, afɔrebukyia nyinaa nkyɛn mu, na wɔnonom wɔn a wɔabɔ wɔn ka nsa, wɔn anyame fie.


na ɔnhom obi so, na ɔde ɔkafoni awowasideɛ sane ma, ɔnyɛ ɔpempensini, ɔde n’aduane ma deɛ ɔdi kɔm na ɔfira ɔdagyani ntoma,


Wɔde adagya na ɛda, wɔnni ntoma, na wɔnni nkataho awɔ mu.


Ɛfiri sɛ na meyi ɔmanehunufoɔ a ɔsu frɛ ɔboafoɔ ne awisiaa a ɔnni boafoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios