Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 2:13 - Twerɛ Kronkron

13 Na wɔne no tenatenaa fam nnanson adekyeeɛ ne adesaeɛ, na obiara ne no ankasa, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ n’amanehunu no so pa ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na wɔne no tenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Na obiara ankasa, efisɛ wohuu sɛ nʼamanehunu no nyɛ adewa.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na wɔne no tenatenaa fam nnanson adekyeeɛ ne adesaeɛ, na obiara ne no ankasa, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ n’amanehunu no so pa ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na wɔne no tenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Na obiara ankasa, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ nʼamanehunu no nyɛ asɛmwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na wɔne no tenatenaa fam nnansɔn adekyee ne adesae, na obiara ne no ankasa efisɛ wohui sɛ n’amanehunu no so dodo.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 2:13
12 Referencias Cruzadas  

Na ɔfrɛɛ hann no sɛ adekyee, ne esum no adesae. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛdi kan ne no.


Na Onyankopɔn frɛɛ ewiem no ɔsoro. Na adeɛ sae, na adeɛ kyee, da a ɛtɔ so mmienu ne no.


Na wɔduruu Atad ayuporebea a ɛwɔ Yordan agya nohoa no, wɔtwaa kwadwom kɛseɛ a emu yɛ den wɔ hɔ, na ɔgyam n’agya nnanson.


Na metee asɛm yi no, mesunsuanee m’atadeɛ ne me batakari mu, na metutuu me tirinwi ne me bɔdwesɛ, na mede ahodwirie metenaa ase.


Na metee nsɛm yi no, metenaa ase mesui, na medii abooboo nna bi, na medii abuada, na mebɔɔ mpaeɛ ɔsoro Nyankopɔn no anim,


Yei akyiri no, Hiob buee n’ano na ɔdomee n’awoda.


Sɛ obi pɛ sɛ ɔka asɛm yi ho bi kyerɛ wo a, ɛbɛyɛ wo ahomete anaa? Nanso mpo twa ara na ɛtwa sɛ ɔka?


Wokura m’anisuatɛtɛ mu, ɛpempem me, na mentumi menkasa.


na n’apono bɛdi abooboo na atwa adwo, na ɔbɛda mpan na watena fam.


Siane, na tena mfuturo mu, O ababaa, Babel babaa, tena fam, a ahennwa bi nni hɔ O Kaldeafoɔ babaa, na wɔremfrɛ wo ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio.


Sion babaa mpanimfoɔ tete fam ayeyɛ komm; wɔde dɔteɛ agugu wɔn atifi, wɔafirafira ayitoma; Yerusalem mmabaa asisi wɔn tiri ase.


Na mebaa Tel-abib atukɔfoɔ a wɔtete Asuo Kebar ho no nkyɛn deɛ wɔteɛ hɔ no, na metenaa hɔ nnanson, na me ho dwirii me wɔ wɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios