Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 19:8 - Twerɛ Kronkron

8 Ɔde ban atwa me kwan mu, na mentumi mensene, na me kwan so aduru sum.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wasiw me kwan enti mintumi nsen; ɔde sum aduru mʼakwan so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɔde ban atwa me kwan mu, na mentumi mensene, na me kwan so aduru sum.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wasi me ɛkwan enti mentumi mensene; wama mʼakwan so aduru sum.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ɔde ban atwa me kwan mu, na mintumi mensen, na me kwan so aduru sum.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 19:8
16 Referencias Cruzadas  

ɛfiri sɛ manyera esum no mu, na wankata esum kabii no so m’anim.


ne ɔbarima a wɔde ne kwan ahunta, na Onyankopɔn de ban atwa ne ho ahyia?


Na metwɛn adepa, nso bɔne na aba, na m’ani daa hann so, na esum kabii aba.


Woayi m’amannifoɔ afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri, wode me ayɛ wɔn akyiwadeɛ, woato me mu a meremfiri adie.


Abɔnefoɔ kwan te sɛ esum kabii, wɔnnim deɛ wɔhunta.


Mo mu hwan na ɔsuro AWURADE, na ɔtie n’akoa asɛm? Deɛ ɔnam sum mu na hann bi nhyerɛn mma no no, ma no mfa ne ho nto AWURADE din so, na ɔntwere ne Nyankopɔn.


Enti na atemmuo ne yɛn ntam awareɛ, na tenenee nso nto yɛn no; yɛtwɛn hann, na hwɛ, esum nie, ne ɔhyerɛn nso, na sum kabii mu na yɛnam.


Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn animuonyam ansa na wama sum aduru, ansa na mo nan asunti mmepɔ kusuu no, na morehwɛ hann kwan a, wadane no sunsum, na wama sum kabii aduru.


Ɛno nti wɔn kwan bɛyɛ wɔn sɛ esum kabii mu kwan torotoro, wɔbɛsunsum wɔn na wɔahwehwe ɛso ase, ɛfiri sɛ wɔn asotwe afe no mu, mede bɔne bɛba wɔn so, AWURADE asɛm nie.


Wato fasuo afa me ho, na ɔde borɔ ne ɔbrɛ atwa me ho ahyia.


Wato me ho ban, na mentumi mfiri adi, wama me nkɔnsɔnkɔnsɔn ayɛ duru;


ɔde aboɔ a wɔatwa ayɛ m’akwan mu fasuo, wakyeakyea m’akwan.


Saa nti, hwɛ, mede nwerɛ bɛgye wo kwan mu ban, na mato emu fasuo, na wanhunu kwan mu.


Na ɔno deɛ, na ɔnnim sɛ me na memaa no ayuo ne nsa ne ngo, na memaa ne dwetɛ dɔreeɛ, ne ne sika a wɔhwere maa Baal no.


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


na wɔsu frɛɛ AWURADE, na ɔde esum kabii too mo ne Misraimfoɔ no ntam, na ɔmaa ɛpo no baa wɔn so bɛkataa wɔn so. Na mo ani hunuu deɛ meyɛɛ Misraim, na motenaa ɛserɛ so nna pii.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios