Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 16:5 - Twerɛ Kronkron

5 aane, anka mede m’ano bɛhyɛ mo den, na m’anomu duema ama mo yea aboto.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso anka mɛhyɛ mo den; anka awerɛkyekye nsɛm a ebefi mʼanom no bɛma mo ahotɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 aane, anka mede m’ano bɛhyɛ mo den, na m’anomu duema ama mo yea aboto.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Nanso, anka mɛhyɛ mo den; anka awerɛkyekyerɛ nsɛm a ɛbɛfiri mʼanomu no bɛma mo ahotɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Yiw anka mede m’ano mɛhyɛ mo den, na m’anom duema ama mo yaw abotow.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 16:5
11 Referencias Cruzadas  

Sɛ mo wɔ me tebea mu a, anka me nso mɛkasa sɛ mo, anka mɛhɔre nsɛm magu mo so, na mawoso me ti magu mo so;


Sɛ mekasa a, me yea no mmoto, na sɛ megyae nso a, ɛdeɛn na ɛfiri me ho korɔ?


Meyii wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitire, na metenaa hɔ sɛ ɔhene, asafo mu, sɛ deɛ ɔkyekyere abooboodifoɔ werɛ.


Deɛ ne home te no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔeɛ; anyɛ saa a, ɔgyaa Otumfoɔ no suro.


Sɛdeɛ atɛntenenee si yɛ den fa! Na mo atɛnyie yi deɛ, animka bɛn na ɛwɔ mu?


Ma w’ani nna AWURADE so, hyɛ wo ho den na ma wo bo nyɛ duru, Aane, ma w’ani nna AWURADE so.


Dadeɛ se dadeɛ ano, na onipa se ne yɔnko anim.


Ngo ne aduhwam ma akomatɔyam, saa ara na onipa adamfo atirimsɛmdie dɛ nso yɛ.


Anuanom, sɛ mfomsoɔ bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufoɔ no, montene deɛ ɔte saa no, honhom a ɛdwoɔ mu, monhwɛ mo ho so yie na wɔansɔ mo nso anhwɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios