Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 14:1 - Twerɛ Kronkron

1 Onipa a ɔbaa awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw ma.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Nnipa a ɔbea awo wɔn nna yɛ tiaa bi na ɔhaw ahyɛ mu mma.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Onipa a ɔbaa awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw ma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Onipa a ɔbaa awo no no ne nna yɛ tiaa bi na ɔhaw dɔɔso wɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Onipa a ɔbea awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw mee no;

Ver Capítulo Copiar




Hiob 14:1
20 Referencias Cruzadas  

Na Adam deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woatie wo yere nne, na woadi dua a mehyɛɛ wo sɛ nnie no bie nti, wo nti wɔadome asase. Yea mu na wobɛdidi soɔ wo nkwa nna nyinaa.


Na Yakob ka kyerɛɛ Farao sɛ: Me hɔhobea asetena mfirinhyia mu nna yɛ mfeɛ ɔha aduasa; me nkwa mfirinhyia mu nna yɛ kakraa bi ne amaneɛ nko, ɛnnuru me nananom nkwa mfirinhyia mu nna wɔ wɔn hɔhobea asetena nna mu.


Na ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: Me ti, me ti! Na agya no ka kyerɛɛ aberanteɛ bi sɛ: Ma no so kɔma ne na.


Me nna nyɛ kakraa bi? Ma no nnyaa me, ɔnyi n’ani mfiri me so, na me ho nsane me kakra,


Hwan ne ɔdasani a ne ho bɛteɛ ne deɛ ɔbaa awo no a ɔtene?


Ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no no ho bɛteɛ?


Hwɛ, ɔsrane mpo; ɛmpae hyɛnn wɔ n’anim na nsoromma nso ho nte wɔ n’ani so.


Na wɔwoo onipa maa ɔhaw, sɛ ogyaframa tutu kɔ soro no.


Ɛnyɛ akodie na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase soɔ na ne nna te sɛ ɔpaani nna?


Me nna yɛ hare sene ɔnwomfoɔ akurokurowa, na ɛrehi, na anidasoɔ biara nni hɔ.


Na yɛn deɛ, nnora nko ara na yɛfiri hɔnom, na yɛnnim hwee, ɛfiri sɛ yɛn nna te sɛ sunsum asase so.


Na me nna ho yɛ hare sene mmirikatuni; ɛdwane kɔ, ɛnhunu adepa biara.


Hwɛ, woayɛ me nna nsaama pɛ, na me mfeɛ nyɛ hwee w’anim. Ampa ara, onipa asi so sɛ deɛn ara a, na ɔyɛ huruhuro ara kwa.


Ampa ara, onipa biara nam sɛ sunsum kwa. Ampa ara, wɔha wɔn ho huruhuro ho, ɔhyɛ da so, na ɔnnim deɛ ɔbɛboa ano.


Hwɛ, wɔwoo me amumuyɛ mu, na bɔne mu na me na nyinsɛnee me.


Kae me nna tiaa a ɛyɛ: Ade hunu yi ara nti na wobɔɔ nnipa mma nyinaa?


Ɛnna asetena fonoo me, ɛfiri sɛ na nnoɔma a wɔyɛ no owia ase no nyɛ wɔ m’ani so; na ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Na ne nna nyinaa yɛ ayayadeɛ, na ne haw yɛ no awerɛhoɔ, nso anadwo mpo n’akoma ntɔ ne yam: Yei nso, ahuhudeɛ ne no.


Adɛn nti mpo na mefirii yafunum firii adie, sɛ merebɛhunu ɔbrɛ ne ahometeɛ, na me nna ahi aniwuo mu!


Nokorɛ mese mo sɛ, wɔn a mmaa awo wɔn nyinaa mu biara nsɔree a ɔsene Yohane suboni; nanso deɛ ɔyɛ ketewa koraa wɔ ɔsoro ahennie mu no yɛ kɛseɛ sene no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios