Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 12:10 - Twerɛ Kronkron

10 Ne nsam na ɔteasefoɔ biara kra wɔ, ne adasamma nyinaa ahonhom.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ne nsam na abɔde nyinaa home wɔ ne adesamma nyinaa home.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Ne nsam na ɔteasefoɔ biara kra wɔ, ne adasamma nyinaa ahonhom.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ne nsam na abɔdeɛ nyinaa ahome wɔ ne adasamma nyinaa ahome.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Ne nsam na ɔteasefo biara kra wɔ, ne adasamma nyinaa ahonhom.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 12:10
17 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE Nyankopɔn de fam dɔteɛ nwonoo onipa, na ɔhuu nkwa home guu ne hwene mu, na onipa yɛɛ ɔkra teasefoɔ.


Na hwɛ, me, mede nsuyire bɛba asase so mabɛsɛe abɔdeɛ a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa ɔsoro ase; asase so adeɛ nyinaa rebɛwuwu.


na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu, na Nyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi,


Na ɛdeɛn ne ɔbɔnefoɔ anidasoɔ berɛ a wɔtwa ne nkwa soɔ, berɛ a Onyankopɔn twe ne kra korɔ no?


Nyankopɔn honhom na ɛyɛɛ me, na Otumfoɔ no ahome na ɛmaa me nkwa.


Wohunta w’ani, na wɔpatu wu, woyi wɔn ahome, na wɔgyaa mu, na wɔsane kɔ wɔn mfuturo mu.


Wosoma w’ahome ba, na wode bɔ wɔn, na woma asase ani yɛ foforɔ.


Na yei nyinaa na mede mehyɛɛ m’akomam, na mepeepee yei nyinaa mu, sɛ ateneneefoɔ ne anyansafoɔ ne wɔn nnwuma wɔ Nyankopɔn nsam, ɔdɔ oo, ɔtane oo, onipa nnim, nnoɔma nyinaa yɛ wɔn pɛ.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu, na ɔyerɛɛ asase ne so afifideɛ nyinaa, na ɔde ahome ma ɛso nkurɔfoɔ, na ɔde honhom ma wɔn a wɔnam soɔ no seɛ nie:


Na merenham menkɔsi daa, na me bo remfu daa, ɛfiri sɛ honhom no firi me hɔ, na me na mayɛ ahome.


Na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! Ɔbarima baako bɛyɛ bɔne na wo bo afu asafo mu no nyinaa?


Deɛ wɔfiri ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam; na deɛ wɔfiri Honhom mu awo no no yɛ honhom.


nanso wɔmfa nnipa nsa nsom no sɛ deɛ ɛhia no biribie. Ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome ne ade nyinaa;


Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛdeɛ mo nnwontofoɔ binom nso aka sɛ: Ɛfiri sɛ n’abusua nso ne yɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios