Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 11:8 - Twerɛ Kronkron

8 Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, — ɛdeɛn na wobɛyɛ? Ɛyɛ kuronkuron sɛ Asamando, — ɛdeɛn na wonim?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛkorɔn sen ɔsoro, dɛn na wubetumi ayɛ? Emu dɔ sen ɔda ase tɔnn, dɛn na wubetumi ahu?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, — ɛdeɛn na wobɛyɛ? Ɛyɛ kuronkuron sɛ Asamando, — ɛdeɛn na wonim?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛkorɔn sene ɔsoro, ɛdeɛn na wobɛtumi ayɛ? Emu dɔ sene damena ase tɔnn, ɛdeɛn na wobɛtumi ahunu?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, dɛn na wobɛyɛ? Ɛyɛ kuronkuron sɛ asaman, dɛn na wunim?

Ver Capítulo Copiar




Hiob 11:8
17 Referencias Cruzadas  

Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!


Ne nsusuiɛ ware sene asase, na ɛtrɛ sene ɛpo.


Ɛnyɛ ɔsoro korɔn mu na Onyankopɔn wɔ? Na hwɛ nsoromma a ɛwɔ sorosoro no sɛdeɛ ɛkorɔn fa!


Asamando da adagya n’anim, na nkatasoɔ biara nni hɔ mma Ɔsɛeɛ Amena.


Hwɛ ɔsoro, na hunu, na hwɛ mununkum a ɛkorɔn sene woɔ no.


Otumfoɔ deɛ, yɛnhu no; ɔyɛ tumi mu ɔkɛseɛ, na ɔrenkyea atemmuo ne tenenee a ɛdɔɔso.


Wɔayi owuo aponkɛseɛ adi akyerɛ wo, anaasɛ woahunu esum kabii aboboɔ no?


Sɛdeɛ mununkum sa na ɛkorɔ no, saa ara na deɛ ɔsiane kɔ Asamando no remforo mma bio.


Na sɛ ɔsoro ware sene asase no, sɛ n’adɔeɛ so, wɔn a wɔsuro no soɔ ne no.


Wɔnyi AWURADE din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛso; n’animuonyam tra asase ne ɔsoro so.


Wo tenenee te sɛ Nyankopɔn mmepɔ, w’atemmuo te sɛ ebunu a emu dɔ. AWURADE, wogye nnipa ne mmoa nkwa.


Hwan na waforo akɔ soro na wasiane? Hwan na ɔkura mframa wɔ ne nsam? Hwan na ɔbɔ nsuo boaa, ntoma mu? Hwan na ɔde asase ano nyinaa sisi hɔ? Sɛ wonim a, ne din de sɛn? Na ne ba din de sɛn?


na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan, na m’adwene nso sene mo adwene.


Sɛ wɔfunifuni kɔ Asamando a, me nsa bɛfa wɔn afiri hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn bɛfiri hɔ asiane.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios