Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hiob 10:1 - Twerɛ Kronkron

1 Me nkwa yɛ me kra nwunu, mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Abrabɔ afono me; enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie na mɛkasa afi me kra yawdi mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Me nkwa yɛ me kra nwunu, mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Abrabɔ afono me; enti mɛka mʼasɛm a meremfa hwee nsie na mɛkasa afiri me kra yeadie mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Me nkwa yɛ me kra nwini, megyaa m’apinisi mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhow mu.

Ver Capítulo Copiar




Hiob 10:1
21 Referencias Cruzadas  

Na ɔno deɛ, ɔnantee ɛserɛ so da koro kwan na ɔkɔtenaa sesea bi ase, na ɔsrɛ maa ne ho sɛ anka ɔnwu. Na ɔkaa sɛ: Ayɛ yie, afei, AWURADE, fa me kra, na menyɛ nsene m’agyanom.


O, sɛ wode me resie Asamando ɛ, sɛ wode me rehunta akɔsi sɛ w’abufuo bɛsane akorɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!


Na mpo, sɛ ampa sɛ mafom a, me so na mfomsoɔ no da.


Ɛkɔm berɛ ɔbɛgye wo afiri owuo mu, na akodie mu nso wagye wo afiri afena ano.


Nsɛm ho animka na modwene? Ɔwerɛhoni deɛ, ne nsɛm yɛ mframa.


Enti me nso meremmua m’ano, mɛkasa me honhom ahohiahia mu, mɛsi apini m’awerɛhoɔ mu.


Afono me, merentena ase daa. Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.


Me deɛ, medi mu deɛ, nanso memmu me ho; me nkwa afono me.


Menka sɛn? Waka akyerɛ me na ɔno ara ayɛ. Me nna nyinaa afiri m’ani so, me kra awerɛhoɔ no nti.


Hwɛ, me yiedie nti, mehunuu amaneɛ pii; na woayi me kra afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho, ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa guu w’akyi.


Na afei, AWURADE, gye me kra firi me nsam ɛ, na ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.


Na ɛbaa sɛ owia pueeɛ no, Onyankopɔn siesiee apueeɛ mframa a emu yɛ hyeɛ, na owia bɔɔ Yona atifi maa no tɔɔ piti. Na ɔsrɛɛ sɛ anka ɔnwu, na ɔse: Owuo yɛ ma me sene nkwa.


Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no a, ɛnneɛ sɛ m’anim aba nyam w’anim a, kum mmom na ku me, na manhunu m’amaneɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios