Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 7:7 - Twerɛ Kronkron

7 Asase soteni, deɛ wɔahyɛ no reba wo so; ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn, hooyɛ berɛ, na ɛnyɛ mmepɔ so anigyeɛ huro!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔsɛe aba mo so, aba mo a mote asase no so no so. Bere no adu, da no abɛn; huboabɔ a ɛnyɛ mmepɔw so ahosɛpɛw.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Asase soteni, deɛ wɔahyɛ no reba wo so; ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn, hooyɛ berɛ, na ɛnyɛ mmepɔ so anigyeɛ huro!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ɔsɛeɛ aduru mo, mo a mote asase no so. Ɛberɛ no aduru, ɛda no abɛn; huboabɔ ɛberɛ a ɛnyɛ mmepɔ no so ahosɛpɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Asase no sotefo, nea wɔanyɛ no reba wo so; ɛbere no aba, ɛda no abɛn, hooyɛ, na ɛnyɛ mmepɔw so anigye huro.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 7:7
16 Referencias Cruzadas  

Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wɔrentwe me nsɛm mu biara nkɔ akyiri bio; asɛm a meka no, wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ɛberɛ no aba, ɛda no rebɛn; mma ɔdetɔfoɔ ani nnnye na ɔdetɔnfoɔ nnni abooboo, na abufuhyeɛ no aba n’asafo yuu nyinaa so;


Na ɛyɛ asafo AWURADE Nyankopɔn, anim hooyɛ ne ntiatiasoɔ ne ahoyera da, adehunu bonhwa no mu, wɔdwiri ɔfasuo no, wɔteam ma no gyegye mmepɔ so.


Na adeɛ reyɛ akye no, abɔfoɔ no piapiaa Lot sɛ: Sɔre, fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo, ɔman yi asotwe mu.


Na ɛberɛ no aduru sɛ atemmuo firi aseɛ Nyankopɔn fie. Na sɛ ɛfiri yɛn so kane a, ɛbɛwie wɔn a wɔntie Nyankopɔn asɛmpa no sɛn?


Na hwɛ, deɛ ɔnwonoo mmepɔ na ɔbɔɔ mframa na ɔkyerɛ onipa deɛ ɛwɔ n’adwene mu no, deɛ ɔyɛ adekyehema esum, na ɔtiatia asase sorɔnsorɔmmea soɔ no, AWURADE, asafo Nyankopɔn ne ne din.


Woagyegye me, AWURADE, na mapene nnyegyeɛ no so. Woatintim me so, na woatumi. Madane aseredeɛ daa nyinaa; wɔn nyinaa di me ho fɛw.


Anwummerɛ no, na hwɛ, binimbɔ aba; adeɛ nnya nkyeeɛ no, na wɔnni hɔ bio: Yei ne yɛn dwotwafoɔ, kyɛfa ne yɛn fomfafoɔ adeɛ a wɔnya.


na nkuntumpaa bɛsu n’aban mu, na ɛserɛ so kraman nso anigyeɛ aban no mu. Na ne berɛ abɛn a ɛreyɛ aba, na ne nna renkyɛre bio.


Na AWURADE tɔɔ sɔfe ne ogya firi ɔsoro guu Sodom ne Gomora so.


Monkunkum n’anantwinini nyinaa; momma wɔnsiane nkɔ okum mu. Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔn da, wɔn asotwe berɛ adu.


na wɔayi anigyeɛ ne ahosɛpɛ afiri mfuo papa mu, na wɔnte ahurisie dwom anaa nteateam wɔ bobe nturo mu, nsakyifoɔ nkyi nsa-kyi-amena mu nsa, atiatiafoɔ dwom nso, matwa so.


Na ɛda no abɛn, ɛda no abɛn ama AWURADE, mununkum da, ɛbɛyɛ amanaman berɛ.


Ao, ɛda no! Na AWURADE da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛeɛ tumi afiri Otumfoɔ nkyɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios