Hesekiel 5:2 - Twerɛ Kronkron2 Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, fa ogya hye wɔ kuro no mfimfini, berɛ a nkahyɛmu nna no awie duro no, na fa afena bobɔ ho hyia. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso fa pete mframa mu, na mɛtwe nkrantɛ madi akyire. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm2 Sɛ wo bere a wɔatua mo ano nna no ba awiei a, fa ogya hyew nwi no nkyɛmu abiɛsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa afoa twitwa nkyɛmu abiɛsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu abiɛsa mu baako wɔ mframa mu, efisɛ mɛtwe afoa ataa wɔn. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible2 Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako, fa ogya hye wɔ kuro no mfimfini, berɛ a nkahyɛmu nna no awie duro no, na fa afena bobɔ ho hyia. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso fa pete mframa mu, na mɛtwe nkrantɛ madi akyire. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm2 Sɛ wo otua nna no ba awieeɛ a, fa ogya hye nwi no nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ kuropɔn no mu. Fa akofena twitwa nkyɛmu mmiɛnsa no mu baako wɔ kuropɔn no afanan nyinaa. Na hwete nkyɛmu mmiɛnsa mu baako wɔ mframa mu, ɛfiri sɛ mɛtwe akofena ataa wɔn. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON2 Nkyemu abiɛsa mu biako, fa ogya hyew, kurow no mfinimfini, bere a nkahyem nna no awie du no, na fa nkyemu abiɛsa mu biako nso fa afoa bobɔ ho hyia, na nkyemu abiɛsa mu biako nso fa pete mframa mu, na mɛtwe nkrante madi akyi. Ver Capítulo |