Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 48:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na yeinom ne mmusuakuo no din: Ɛfiri atifi fam hyeɛ no so, Hetlon kwan nkyɛn mu a ɛrekɔ Hamat, Hasar-Enan, Damasko hyeɛ so, (deɛ ɛhwɛ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn mu), na wɔnnya ano apueeɛ ne atɔeɛ, ɛno ne Dan, homa baako.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 “Mmusuakuw no din na edidi so yi: “Dan benya kyɛfa baako wɔ atifi hye so hɔ; ɛbɛfa Hetlon kwan so akɔ Lebo Hamat, Hasar-Enan ne Damasko atifi fam hye a edi Hamat so no bɛyɛ ɔhye a efi apuei fam kɔ atɔe fam no fa bi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na yeinom ne mmusuakuo no din: Ɛfiri atifi fam hyeɛ no so, Hetlon kwan nkyɛn mu a ɛrekɔ Hamat, Hasar-Enan, Damasko hyeɛ so, (deɛ ɛhwɛ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn mu), na wɔnnya ano apueeɛ ne atɔeɛ, ɛno ne Dan, homa baako.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 “Mmusuakuo no din na ɛdidi soɔ yi: “Dan bɛnya kyɛfa baako wɔ atifi hyeɛ so hɔ; ɛbɛfa Hetlon ɛkwan so akɔ Lebo Hamat, Hasar Enan ne Damasko atifi fam hyeɛ a ɛdi Hamat so no bɛyɛ ɛhyeɛ a ɛfiri apueeɛ fam kɔ atɔeɛ fam no fa bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne mmusuakuw no din: Efi atifi fam awiei, Hetlon kwan nkyɛn mu a wɔrekɔ Hamat, Hasar-enan, Damasko hye so, nea ɛkyerɛ atifi fam wɔ Hamat nkyɛn mu, na wonnya ano apuei ne atɔe, Dan, hama biako;

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 48:1
16 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kɔkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-seba, na monkan ɔman no, na menhunu ɔman no dodoɔ.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei ne ɛhyeɛ a mode bɛkyɛ asase no ama Israel mmusuakuo dummienu no adi soɔ; Yosef deɛ nyɛ nhoma mmienu;


Na ɛhyeɛ a ɛda atɔeɛ fam ne ɛpo kɛseɛ no firi ɛhyeɛ no ano ara kɔsi Hamat ntentensoɔ; ɛne ɛhyeɛ a ɛdi atɔeɛ no.


na abusuakuo ko a ɔnanani bi abɛyɛ mu hɔhoɔ no, ɛhɔ ara na momma no n’agyapadeɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ɛno ne Danfoɔ abusuakuo agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios