Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 39:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na mɛdanedane wo na mama woatu afiri atifi fam nohoa tɔnn aba, na mede wo aba Israel mmepɔ so;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mekyinkyim wo na matwe wʼase. Mede wo befi atifi fam nohɔ tɔnn na mede aba Israel mmepɔw so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na mɛdanedane wo na mama woatu afiri atifi fam nohoa tɔnn aba, na mede wo aba Israel mmepɔ so;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mɛkyinkyim wo na matwe wʼase. Mede wo bɛfiri atifi fam nohoa tɔnn na mede aba Israel mmepɔ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na mɛdannan wo na maka wo, na mama woatu afi atifi fam ano noho tɔnn aba, na mede wo maba Israel mmepɔw so;

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 39:2
8 Referencias Cruzadas  

Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra asɛe no no ani nwu, na wɔn anim ngu ase, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi, na wɔnnane ahohorafoɔ.


Sɛ wisie tu korɔ no, sɛ bɔ wɔn guo ara ne no; sɛ akraa nane ogya ho no, sɛ abɔnefoɔ bɛsɛe Nyankopɔn anim ne no.


Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam na wo dwɛɛbɔ aforo abɛduru m’aso mu nti, mede me kaa bɛhyɛ wo hwenem na mede me manniamfrɛ ato w’anomu, na masane wo afa kwan a wonam so baeɛ no so akɔ.


Ɛhɔ na atifi fam mmapɔmma nyinaa wɔ, ne Sidonfoɔ a wɔne atɔfoɔ asiane korɔ no nyinaa; wɔn ho hu a wɔde wɔn mmaninyɛ yiiɛ no mu, wɔn ani awu, na wɔdeda hɔ, wɔyɛ momonotofoɔ; wɔne nkrantɛ ano atɔfoɔ no, na wɔne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu soa wɔn ahohora.


na wobɛfiri wo tenabea atifi fam ano nohoa tɔnn aba, wo ne aman bebree a wɔka wo ho a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ, asafo kɛseɛ ne dɔm a ɛso,


Na wo onipa ba, hyɛ Gog ho nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Gog, Mesek ne Tubal berempɔn!


na mɛbɔ wo tadua afiri wo nsa benkum mu, na mama w’agyan afiri wo nsa nifa mu atotɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios