Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 32:2 - Twerɛ Kronkron

2 Onipa ba, twa kwadwom ma Misraimhene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataburuwa ho na wɔde wo toeɛ, nso wo deɛ, wotee sɛ ɛpo mu asuboa, na wohuri firii wo nsubɔntene no mu, na wode wo nan nuu nsuo no mu honoo wɔn nsubɔntene.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no se: “ ‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu: wote sɛ po mu aboa a ne ho yɛ hu wububu dikyi wɔ wo nsuten mu, wode wo nan boro nsuten no de fono nsu no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Onipa ba, twa kwadwom ma Misraimhene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataburuwa ho na wɔde wo toeɛ, nso wo deɛ, wotee sɛ ɛpo mu asuboa, na wohuri firii wo nsubɔntene no mu, na wode wo nan nuu nsuo no mu honoo wɔn nsubɔntene.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Onipa ba, to kwadwom fa Misraimhene Farao ho na ka kyerɛ no sɛ: “ ‘Wote sɛ gyata wɔ aman no mu: wote sɛ ɛpo mu aboa a ne ho yɛ hu wobubu afuni wɔ wo asutene mu, wode wo nan boro asutene no de hono nsuo no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Onipa ba, twa kwadwom ma Misraim hene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataforo ho na wɔde wo toe, nso wo de, woyɛe sɛ ɛpo mu asuboa, na wuhuruw fii wo nsubɔnten no mu, na wode wo nan nuu nsu no mu fonoo wɔn nsubɔnten.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 32:2
27 Referencias Cruzadas  

kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Misraimhene Farao, asuboa kɛseɛ a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ: M’Asubɔnten Nil wɔ me, me ara na meyɛ mefaeɛ.


Afei wo, onipa ba, twa Tiro ho kwadwom,


Seba ne Dedan ne Tarsis adwadifoɔ ne wɔn a wɔwɔ nkuraase no nyinaa bɛka akyerɛ wo sɛ: Asadeɛ na worebɛfa yi? Fomfa nti na woahyia w’asafo, sɛ worebɛsoa dwetɛ ne sika na woafa mmoa ne nnoɔma na woafom asadeɛ bebree yi?


Ɛyɛ mo adewa sɛ modidi adidibea pa, na mo adidibea nkaeɛ no, mode mo nan tiatia soɔ? Na monom nsuo a agyene, na mode mo nan hono nkaeɛ no?


Kwadwom a wɔde bɛsu no nie. Amanaman mmammaa de bɛsu no, wɔde bɛsu Misraim ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE asɛm nie.


Onipa ba, twa Tiro hene ho kwadwom, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Wo deɛ, wone abɔdeɛ afɛfɛ mu deɛ ɔyɛ, nyansa ahyɛ wo ma, w’ahoɔfɛ di mu.


Gyata bi afiri ne dɔtɔ mu reba, na amanaman sɛefoɔ afiri adi; watu afiri ne tenabea reba, sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo, na wo nkuro abobɔ a obi nte mu bio.


Ɛda no na AWURADE de n’afena denden a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ, dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum ɛpo mu ɔtweaseɛ kɛseɛ no.


Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo, na ma wɔne amanaman atumfoɔ mmammaa nsiane nkɔ famfam asase so nka wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no ho.


na wɔbɛtwa wo ho kwadwom, wɔn adwotwa no mu ato wo ho dwom sɛ: Hwan na ɔte sɛ Tiro a wɔama n’asase ayɛ dinn, ɛpo mu yi?


Misraim atu reba sɛ Nil, n’asorɔkyeɛ rebɔ sɛ asuo akɛseɛ deɛ, na ɛse: Mɛyiri makata asase so masɛe nkuro ne emufoɔ no.


na wɔnyɛ ntɛm ntue yɛn ho su, na yɛn ani mporepore nisuo, na yɛn anisuatɛtɛ nsene nsuo.


AWURADE basa, nyane ɛ, nyane ɛ! Hyɛ ahoɔden! Nyane sɛ akane nna no mu, teteete awoɔ ntoatoasoɔ mu. Ɛnyɛ wone deɛ ɔtwitwaa Rahab na ɔhwiree asuboa kɛseɛ no mu no?


Ɔbɔnefoɔ a ɔdi ɔman mmɔborɔfoɔ soɔ te sɛ gyata a ɔbobom ne sisire a n’ani abereɛ.


Ɔkoto, ɔbutu sɛ gyata ne gyatabereɛ, hwan na ɔbɛma no asɔreɛ? Nhyira ne wɔn a wɔhyira woɔ, na nnome ne wɔn a wɔdome woɔ.


Gyata ba ne Yuda; hanam so na wode anyini, me ba. Ɔkotoe, ɔbutuu sɛ gyata ne gyatabereɛ; hwan na ɔbɛhwanyan no?


Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.


Meyɛ ɛpo anaa asuo mu bɔpɔn, na ɛma wode awɛmfoɔ sisi me ho yi?


Sɛdeɛ nsuo aniwa a wɔatiatia mu ne abura a wɔasɛeɛ no teɛ no, saa na ɔteneneeni a ɔtɔ ɔbɔnefoɔ anim ntintan teɛ.


Hwan na ɔreba sɛ Nil, na n’asorɔkyeɛ rebɔ sɛ asukɛseɛ deɛ yi?


Na wɔbɛtwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ: Ei, sɛdeɛ woasɛe nie, wo a ɛpo mufoɔ bɛtenaa wo mu, kuro a wɔkamfo a ɛyɛ den wɔ po mu, ɛno ne emufoɔ a wɔma wɔn ho hu ba emufoɔ nyinaa soɔ no!


Ɛbɛyɛ ahennie mu deɛ abrɛ aseɛ, na ɛremma ne ho so bio wɔ amanaman so. Na mɛma wɔasua, na wɔanni amanaman so bio.


Ne honam a ɛsensɛne hɔ femfam ho pintinn, wɔguu no ne ho, na ɛntwe.


Gyata, mmoa mu brane a ɔnsane mfiri obiara anim;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios