Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 3:10 - Twerɛ Kronkron

10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka kyerɛ woɔ nyinaa, fa w’akoma gye na fa w’aso tie,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yiye na dwene ho wɔ wo koma mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka kyerɛ woɔ nyinaa, fa w’akoma gye na fa w’aso tie,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yie na dwene ho wɔ wʼakoma mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka makyerɛ wo nyinaa, fa wo koma gye, na fa w’aso tie,

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 3:10
13 Referencias Cruzadas  

Gye n’anomu mmara, na fa ne nsɛm sie w’akomam.


Mede wo nsɛm makora m’akomam, na manyɛ wo ho bɔne bi.


Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛn wɔn a wɔsuro no, na animuonyam atena yɛn asase so.


Tie afotuo na gye atenetene, na woahunu nyansa w’akyirinna mu.


Momfa m’atenetene, na ɛnyɛ dwetɛ, na momfa nimdeɛ, na monnya sika a wɔayiyi mu.


Na wɔtie oo, wɔantie oo, ka me nsɛm kyerɛ wɔn, na wɔyɛ atuatefoɔ.


Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi, nyɛ atuateni sɛ atuatefoɔ fie yi; bae w’anomu, na di deɛ mede merema woɔ yi.


na si mu kɔ atukɔfoɔ, wo man no nkyɛn, na kɔka kyerɛ wɔn, na wɔtie oo, wɔantie oo, se wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ.


Mayɛ wo moma so sɛ ahemmoɔ a ɛyɛ den sene twerɛboɔ; nsuro wɔn, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim, na wɔyɛ atuatefoɔ.


Na asase pa mu deɛ no ne wɔn a wɔde akoma pa a ɛyɛ te asɛm no, na wɔde sie, na wɔnam boasetɔ mu so aba.


Yei nti nso yɛda Onyankopɔn ase daa, ɛfiri sɛ monyaa Nyankopɔn asɛm no firii yɛn nkyɛn no, mogyee, ɛnyɛ sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Nyankopɔn asɛm, sɛdeɛ ɛteɛ ampa, ɛno nso na ɛyɛ mo a mogye die no mu adwuma kɛse.


Deɛ ɛdi akyire no, anuanom, yɛsrɛ mo na yɛtu mo fo Awurade Yesu mu sɛ, deɛ moanya no yɛn nkyɛn, sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobɔ mo bra na mosɔ Nyankopɔn ani no, saa ara na monkɔ so mma no mmoro soɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios