Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 26:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede Babelhene Nebukadnessar, ahene mu hene no, mefiri atifi fam ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Na sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefo ne nsraadɔm kɛse afi atifi fam aba wo so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede Babelhene Nebukadnessar, ahene mu hene no, mefiri atifi fam ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefoɔ ne akodɔm kɛseɛ afiri atifi fam abɛtia wo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede Babel hene Nebukadnesar, ahene mu hene no, mifi atifi fam, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo ne asafo ne dɔm bebree mereba Tiro so.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 26:7
22 Referencias Cruzadas  

Artasasta, ahene mu hene no de kɔma Ɔsɔfoɔ Esra, ɔsoro Nyankopɔn mmara twerɛfoɔ a ɔdi mu, ne ade.


Ɛfiri sɛ ɔka sɛ: M’asafohene nyɛ ahemfo nko ara?


ne Tiro ahemfo nyinaa ne Sidon ahemfo nyinaa ne ɛpo akyiri nohoa asase so ahemfo,


hwɛ, meresoma ma wɔakɔfa atifi fam mmusua nyinaa, AWURADE asɛm nie, ne m’akoa, Babelhene Nebukadnessar, na mede wɔn aba asase yi ne ɛsotefoɔ so ne amanaman yi a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa so, na masɛe wɔn pasapasa, na mama wɔadane ahodwirideɛ ne fɛdie ne daa amamfo,


Hwɛ! Ɔreforo aba sɛ mununkum, na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a ɛdi kyinhyia; n’apɔnkɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ. Yɛnnue! Na yɛawie sɛe!


Gyata bi afiri ne dɔtɔ mu reba, na amanaman sɛefoɔ afiri adi; watu afiri ne tenabea reba, sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo, na wo nkuro abobɔ a obi nte mu bio.


na ɔne no kasaa kasa pa, na ɔmaa n’adwa kyɛnee ahemfo a wɔne no wɔ Babel no adwa nyinaa.


wɔkurakura tadua ne pɛmɛ, wɔn tirim yɛ den na wɔnni atimmɔborɔ; wɔn nne te sɛ ɛpo huuyɛ, na wɔtete apɔnkɔ so; wɔamia sɛ akofoɔ, sɛ wɔne wo, Sion babaa, rebɛko.


sɛ ɛnyɛ ahennie a wɔabrɛ no aseɛ, na amma ne ho so bio, na ɔnni apam no so na ɛnnyina.


na wɔde akodeɛ ne nteaseɛnam ne nkyimiiɛ ne aman asafo bɛba wo so; ahokatadeɛ ne ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmuo bɛsi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmuo so.


sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mene wo anya, Tiro, na mede amanaman bebree bɛba wo so, sɛdeɛ ɛpo de n’asorɔkyeɛ ba no,


hwɛ, mede ananafoɔ mereba wo so, amanaman mu aniɛdenfoɔ, na wɔabɛtwetwe wɔn nkrantɛ atia wo nyansa ahoɔfɛ no, na wɔagu wo hyerɛn ho fi.


Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa nso a, afei mɛboa wɔn ano, na ahemfo mu hene no nhyɛsoɔ nti, wɔn so afiri aseɛ ahwan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios