Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 26:11 - Twerɛ Kronkron

11 Ɔde n’apɔnkɔ ntɔte bɛtiatia wo mmorɔno nyinaa so, ɔde nkrantɛ bɛkunkum wo nkurɔfoɔ, na ɔbɛsum w’ahoɔden adum no agu fam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Nʼapɔnkɔ no tɔte betiatia wo mmɔnten nyinaa so, ɔde afoa bekunkum wo nkurɔfo na wʼafadum dennen no bebubu agu fam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Ɔde n’apɔnkɔ ntɔte bɛtiatia wo mmorɔno nyinaa so, ɔde nkrantɛ bɛkunkum wo nkurɔfoɔ, na ɔbɛsum w’ahoɔden adum no agu fam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Nʼapɔnkɔ no ntɔte bɛtiatia wo mmɔntene nyinaa so. Ɔde akofena bɛkunkum wo nkurɔfoɔ na wʼafadum denden no bɛbubu agu fam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Ɔde n’apɔnkɔ ntɔte betiatia wo mmorɔn nyinaa so, ɔde nkrante bekunkum wo nkurɔfo, na obesum w’ahoɔden adum no agu fam.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 26:11
5 Referencias Cruzadas  

Na ɔde wɔn a wɔtete soro ahwe fam, kuro a ɛkorɔn no, wabrɛ no ase; wabrɛ no ase ama no aduru fam, wama no aka fam mfuturo;


Wɔn agyan ano yɛ hwerɛmhwerɛm, na wɔn tadua nyinaa akuntunkuntunu; wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ twerɛboɔ, na wɔn nteaseɛnam nante sɛ kyinhyia mframa.


Na ɔbɛbubu Bet-semes adum a ɛwɔ Misraim asase soɔ no, na ɔde ogya ahye Misraim anyame afie no.


Monsi asase no so frankaa, monhyɛne ntotorobɛnto amanaman mu; monsiesie amanaman nkyere ne so sa, monhyia Ararat, Mini ne Askenas ahennie ntia no. Monsi sahene ntia no, momfa apɔnkɔ mmra sɛ mmɛbɛ kuro a wɔretu.


Wɔn apɔnkɔ ho yɛ herɛ sene asebɔ, na wɔyɛ aniɛden sene anwummerɛ mpataku, na wɔn apɔnkɔsotefoɔ twetwe wɔn mu kɔ kan, na wɔn apɔnkɔsotefoɔ firi akyirikyiri reba, wɔtu sɛ ɔkɔdeɛ a ɔrepɛ adidie ho ntɛm.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios