Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 2:9 - Twerɛ Kronkron

9 Mehwɛe, na hwɛ, nsa bi atene hwɛ me so, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ wɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Afei mehwɛe, na mihuu nsa bi a ateɛ wɔ me so, na mu na nhoma mmobɔwee bi wɔ.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Mehwɛe, na hwɛ, nsa bi atene hwɛ me so, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ wɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Afei mehwɛeɛ na mehunuu nsa bi a atene wɔ me so, na emu na nwoma mmobɔeɛ bi wɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na mihui, na hwɛ, nsa ateɛ kyerɛ me, na hwɛ, nhoma mmobɔwee wɔ mu.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 2:9
13 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE tenee ne nsa kaa m’ano. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Afei mede me nsɛm mahyɛ w’anomu.


Fa nwoma mmobɔeɛ bi kura, na twerɛ nsɛm a maka makyerɛ woɔ no nyinaa, Israel ne Yuda ne amanaman no nyinaa ho, firi da a mekasa mekyerɛɛ woɔ, firi Yosia berɛ so de bɛsi nnɛ da yi no hyɛ mu.


Ɛnna Yeremia frɛɛ Neria ba Baruk, na Baruk twerɛɛ AWURADE nsɛm a ɔka kyerɛɛ Yeremia no nyinaa firii n’anomu de hyɛɛ nwoma mmobɔeɛ no mu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, deɛ wohunu no, di! Di nwoma mmobɔeɛ yi, na kɔ kɔkasa kyerɛ Israel fie.


Na ɔyii biribi a ɛte sɛ nsa nsɛsoɔ, na ɔsɔɔ m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Nyankopɔn anisoadehunu no mu, de me baa emu fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, deɛ ninkuntwe honi bi a ɛyi ninkunu sie hɔ.


Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ a ɛtuo nie.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yei ne nnome a ɛfiri adi fa asase nyinaa ani; na wɔnam so pra awifoɔ nyinaa firi ha na wɔnam so pra ntanhunukafoɔ nyinaa firi ha.


Ɛno na mekaa sɛ: Hwɛ, mereba, wɔatwerɛ me ho asɛm wɔ nwoma mmobɔeɛ no mu sɛ, merebɛyɛ deɛ wo, Onyankopɔn, wopɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios