Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 19:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na ɔyɛnee ne mma mu baako, ɔyɛɛ gyataburuwa na ɔsuaa ahayɔ; ɔdii nnipa nam,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔyɛn ne mma no mu baako ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfo. Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu, na ɔwee nnipa nam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔyɛnee ne mma mu baako, ɔyɛɛ gyataburuwa na ɔsuaa ahayɔ; ɔdii nnipa nam,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔyɛn ne mma no mu baako ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfoɔ. Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu, na ɔwee nnipa nam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔyɛn ne mma mu biako; ɔyɛɛ gyataforo na osuaa ahayɔ; odii nnipa nam.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 19:3
10 Referencias Cruzadas  

Na Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene n’agya Yosia ananmu, na ɔsakyeraa ne din too no Yehoiakim. Na Yehoahas deɛ, ɔfaa no kɔɔ Misraim, na ɔkɔwuu wɔ hɔ.


na ka sɛ: Adɛn na wo na, gyatabereɛ no butu agyatanini ntam yɛne ne mma gyataburuwa mu?


na amanaman tee ne nka, na wɔkyeree no wɔn amena mu, na wɔde hwene mu kaa twee no kɔɔ Misraim asase so.


Na ɔnenam agyata mu no, ɔyɛɛ gyataburuwa, na ɔsuaa ahayɔ; ɔdii nnipa nam.


N’adiyifoɔ atirisopam wɔ so, wɔte sɛ gyata a ɔbobom tete ne hanam, wɔdi onipa nam, wɔfa ahonyadeɛ ne aboɔdenneɛ, wɔma emu akunafoɔ dɔɔso.


Onipa ba, twa kwadwom ma Misraimhene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataburuwa ho na wɔde wo toeɛ, nso wo deɛ, wotee sɛ ɛpo mu asuboa, na wohuri firii wo nsubɔntene no mu, na wode wo nan nuu nsuo no mu honoo wɔn nsubɔntene.


Nnwanhwɛfoɔ adwotwa gyegye, na wɔn animuonyam asɛe; agyataburuwa mmobomu gyegye, na Yordan ahohyehyɛdeɛ asɛe.


Na Dan ho nso, ɔkaa sɛ: Dan yɛ gyataburuwa, ɔhuri firi Basan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios