Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 15:2 - Twerɛ Kronkron

2 Onipa ba, ɛdeɛn na bobe dua de sene nnua nyinaa, bobe homa a ɛwɔ wira mu nnua mu no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Onipa ba, ɔkwan bɛn so na bobe dutan so bɛba mfaso asen kwae mu dua foforo biara mman?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Onipa ba, ɛdeɛn na bobe dua de sene nnua nyinaa, bobe homa a ɛwɔ wira mu nnua mu no?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Onipa ba, ɛkwan bɛn so na bobe dutan ho bɛba mfasoɔ asene kwaeɛ mu dua foforɔ biara mman?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Onipa ba, dɛn na obobe dua de sen nnua nyinaa, obobe baa a ɛwɔ wura mu nnua mu no?

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 15:2
20 Referencias Cruzadas  

Borɔdɔma ama n’abunabunu regyegye, na obobe nnuabaforɔ reyi ne hwa. Sɔre, me dɔfoɔ, me yima, na bra ɛ!


Monkyere nsakraman mma yɛn, nsakraman nketewa a wɔsɛe bobe nturo no, na yɛn bobe asoso nnuabaforɔ.


Mesiane mekɔɔ adwe turo mu, sɛ merekɔhwɛ bonhwa mu nhahamma frɔmfrɔm, sɛ merekɔhwɛ sɛ obobe afefɛ, sɛ atoaa gu nhyerɛne anaa?


Ma yɛntua nhema nkɔ bobe nturo mu nkɔhwɛ sɛ obobe afefɛ, na ne nhwiren apaepae, sɛ atoaa agu nhyerɛne anaa? Ɛhɔ na mɛyi me dɔ mama woɔ.


Ɔsoro, monto anigyeɛ dwom, na AWURADE na wayɛ; asase ase nohoa, mommɔ ose, mompaepae ahurisie dwom mu, mmepɔ, O kwaeɛ ne emu nnua nyinaa. Na AWURADE agye Yakob, na wahyɛ ne ho animuonyam, wɔ Israel mu.


Na me deɛ, metɛɛ wo sɛ bobe pa, wofiri deɛ ɛyɛ nko ara mu. Na ɛyɛɛ dɛn na woadane me amannɔne bobe nhoma yi?


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Wɔfa mu dua de yɛ adwuma bi, anaasɛ wɔfa mu bi yɛ pɛɛwa, sɛ wɔde adeɛ biara bɛsɛne soɔ?


Na wɔtuu no anibereɛ so too no hwee fam, na apueeɛ mframa kusaa n’aba no; ne mpoma a na ɛyɛ den no bubui na ɛtwintwamee, na ogya hyee.


Israel yɛ obobe pa a ɛso n’aba nsɔ; dodoɔ ara a n’aba dɔɔso no, dodoɔ a wama afɔrebukyia nso adɔɔso. N’asase yie a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiyɛ nso.


Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.


Pepeaa, twa adwo, na tweneduro ahwe fam, ɛfiri sɛ akunini asɛe; Basan adum, montwa adwo, na kwaeɛ a ɛkorɔn abrɛ ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios