Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 12:3 - Twerɛ Kronkron

3 na atuatefoɔ fie ne wɔn. Na wo, onipa ba, yɛ otukorɔ adeɛ fa, na tu kɔ awia, wɔ wɔn anim, na tu firi wo tenabea kɔ baabi foforɔ, wɔn anim; ebia wɔbɛhunu; na asowuiɛ fie ne wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Enti onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyee mu a wɔrewɛn no, fi nea wowɔ, na kɔ beae foforo. Ebia wɔbɛte ase, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 na atuatefoɔ fie ne wɔn. Na wo, onipa ba, yɛ otukorɔ adeɛ fa, na tu kɔ awia, wɔ wɔn anim, na tu firi wo tenabea kɔ baabi foforɔ, wɔn anim; ebia wɔbɛhunu; na asowuiɛ fie ne wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Enti, onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, firi deɛ wowɔ, na kɔ beaeɛ foforɔ. Ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ, nanso ebia wɔbɛte aseɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na wo, onipa ba, yɛ otukɔ ade fa, na tu kɔ awia, wɔn anim, na tu fi w’afa kɔ baabi foforo, wɔn anim; ebia wobehu; na asowui fi ne wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 12:3
24 Referencias Cruzadas  

Ao, sɛ me man tie me ɛ, sɛ Israel nante m’akwan so ɛ!


Boaboa w’ahodeɛ ano firi asase so, O wo a wote kuro a wɔatua ho no mu.


ebia wɔbɛtie, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na manu me ho, bɔne a ɛwɔ me tirim sɛ wɔn nneyɛɛ bɔne nti mɛyɛ wɔn no ho.


Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me nie: Yɛ nkyehoma ne kɔnnua fa, na fa hyɛ wo kɔn;


Ebia Yuda fie bɛtie bɔne a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ wɔn no nyinaa, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, na mede wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne makyɛ wɔn.


Ebia wɔn nkotosrɛ bɛduru AWURADE anim, na wɔasane afiri wɔn akwammɔne so, ɛfiri sɛ abufuo ne abufuhyeɛ asɛm a AWURADE aka no ɔman yi ho no so kokuroo.


nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn yɛɛ bɔne sene wɔn agyanom.


Ɛnna meyɛɛ saa, sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no, meyii me nnoɔma firi adi sɛ otukorɔ adeɛ awia, na anwummerɛ no, mede me nsa tuu ɔfasuo no mu tokuro, na anim rebiribiri no, mede firii adi bɔɔ akɔnkɔn wɔ wɔn anim.


Na wo tɛkyerɛma nso, mɛma no afam wo dodo mu, na woatɔre mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfoɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ fie.


Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mɛbue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ. Ma ɔtefoɔ nte, na ogyaefoɔ nnyae; na wɔyɛ asowuiɛ fie.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?


Na sɛ wɔn anim gu ase deɛ wɔayɛ nyinaa ho a, kyerɛ wɔn asɔrefie no suban ne ne nsiesieeɛ, ne n’adifire ne ne muba, ne ne su nyinaa ne n’ahyɛdeɛ nyinaa, ne ne ban nyinaa ne ɛho mmara nyinaa, na twerɛ no wɔn anim, na wɔnhwɛ ne su no nyinaa ne ɛho ahyɛdeɛ nyinaa, na wɔnni so.


O Yerusalem, Yerusalem a wokum adiyifoɔ na wosii wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mprɛ ahe nie a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban aseɛ, nanso moampɛ.


Na bobe turo wura no kaa sɛ: Menyɛ dɛn? Mɛsoma me dɔba; ebia wɔbɛfɛre no.


Sɛ wɔyɛ anyansafoɔ a, anka wɔbɛte yei ase, na wɔahunu wɔn awiekyire.


O, sɛ anka wɔbɛnya akoma a ɛte seyie na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yie daa ɛ!


na ɔde ɔdwoɔ kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asie wɔ nsɛm mu, sɛ ebia Onyankopɔn bɛma wɔn adwensakyera akɔ nokorɛ no hunu mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios