Hesekiel 11:5 - Twerɛ Kronkron5 Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka, sɛ AWURADE seɛ nie: Saa na moka, Israel fie, na deɛ ɛba mo adwene mu no, me deɛ, menim. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm5 Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me se menka se, “Sɛɛ na Awurade se: Saa na moreka, mo Israel akannifo, nanso minim nsusuwii a ɛwɔ mo adwene mu. Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible5 Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka, sɛ AWURADE seɛ nie: Saa na moka, Israel fie, na deɛ ɛba mo adwene mu no, me deɛ, menim. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm5 Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ. Menim deɛ moreka, ɛfiri sɛ menim nsusuiɛ a ɛwɔ mo adwene mu. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON5 Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na moka, Israel fi, na nea ɛba mo adwene mu no, me de, minim. Ver Capítulo |