Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 10:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Kɔ nkyimiiɛ no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma firi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam ma ma, na fa pete kuro no so. Na ɔkɔɔ mu wɔ m’anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na Awurade ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera no se, “Kɔhyɛ nkyimii a ɛwɔ kerubim ase no mu. Fi kerubim no mu fa nnyansramma hyɛ wo nsa ma na tow pete kuropɔn no so.” Migu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera atadeɛ no sɛ: Kɔ nkyimiiɛ no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma firi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam ma ma, na fa pete kuro no so. Na ɔkɔɔ mu wɔ m’anim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na Awurade ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Kɔhyɛ ntwahonan a ɛwɔ Kerubim ase no mu. Fa egyasramma nsabuo firi Kerubim no mu na to pete kuropɔn no so.” Megu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera no sɛ: Kɔ nkyimii no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma fi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam amaama, na fa pete kurow no so. Na ɔkɔɔ mu m’anim.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 10:2
19 Referencias Cruzadas  

na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, na ɔde ogya hyee afie akɛseɛ nyinaa.


Ma nsramma ngu wɔn so, ma wɔmfa wɔn ngu ogya mu, aku donkodonko mu a wɔrensɔre bio.


Na ɔtenaa Kerub so na ɔtui, na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛ so.


Na sika a waboro na fa yɛ Kerubim mmienu no, na fa sisi mpata adwa no tiri mmienu no so.


Na AWURADE bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahunu ne nsa a ɛresiane, abufuo ahomeguo ne adeɛhyeɛ gyaframa, osuo babababa ne osuo yɔɔ ne asukɔtweaa mu.


Na abɔdeɛ ateasefoɔ no suban no, ne wɔn su te sɛ nnyansramma a ɛredɛreɛ, sɛ tɛnee; ɛno na ɛnenam abɔdeɛ ateasefoɔ no ntam, na ogya no hyerɛnn, na anyinam firii ogya no mu.


Na Kerubim no nante a, nkyimiiɛ no siane wɔn; na Kerubim no mema wɔn ntaban so sɛ wɔde rema wɔn ho so afiri asase so a, nkyimiiɛ no nso nnane mfiri wɔn nkyɛmu.


Na hwɛ, ɔbarima a wɔhyɛ nwera atadeɛ a ɔtwerɛfoɔ toa bɔ n’asene no de asɛm sane baa sɛ: Mayɛ sɛdeɛ wohyɛɛ me no.


Na ɔbɔfoɔ no faa ohwam kuruwa no de afɔrebukyia no so gya bi hyɛɛ mu ma, na ɔto guu asase so. Na aprannaa, ne nne ahodoɔ ne anyinam ne asasewosoɔ bae.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios