Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 1:7 - Twerɛ Kronkron

7 Wɔn nan yɛ torodotorodoo, na wɔn nan ase te sɛ nantwie ba tɔte a ɛho hyerɛn sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho dɛhyɛdɛhyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn anan yɛ kirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwi ba de na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafrae a wɔahoa ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Wɔn nan yɛ torodotorodoo, na wɔn nan ase te sɛ nantwie ba tɔte a ɛho hyerɛn sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho dɛhyɛdɛhyɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔn nan yɛ kyirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwie ba deɛ, na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔahoa ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 na wɔn anan yɛ nan turodoturodoo, na wɔn anan ase te sɛ nantwi ba nan ase, na ɛho hyerɛn sɛ kɔbere a wɔatorom ho hyɛrɛnhyɛrɛn.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 1:7
7 Referencias Cruzadas  

Ɔde mframa yɛ n’abɔfoɔ, ɔde ogya a ɛderɛ yɛ n’asomfo.


Na abɔdeɛ ateasefoɔ no suban no, ne wɔn su te sɛ nnyansramma a ɛredɛreɛ, sɛ tɛnee; ɛno na ɛnenam abɔdeɛ ateasefoɔ no ntam, na ogya no hyerɛnn, na anyinam firii ogya no mu.


Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nie, na siwabire homa ne susuo demmire kura ne nsamu, na ɔgyina ɛpono kɛseɛ no ano.


Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apaeɛ na wɔn tɔte mu apae koraa, na wɔpu deɛ wɔadie wesa no, ɛno na monnie.


sɛ wɔmfa mpae adeɛ a ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ mu, ne mmoa a wɔdie ne mmoa a wɔnnie mu.


na ne nan te sɛ yaawa fɛfɛ a adɔ fononoo mu, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios