Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 13:3 - Twerɛ Kronkron

3 Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so wɔ honam mu yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na wɔrehu saa amane no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Monkae nneduafoɔ, sɛdeɛ mo ne wɔn na ɛda afiase, ne wɔn a wɔhunu amane biara, sɛ mo ara nso moda so wɔ honam mu yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛda hɔ. Monkae wɔn a wɔrehunu amane na momfa no sɛ mo ne wɔn na ɛrehunu saa amane no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Monkae nneduafo, sɛnea mo ne wɔn na ɛda duam, ne wɔn a wohu amane biara, sɛ mo ankasa nso da so wɔ ɔhonam mu yi.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 13:3
19 Referencias Cruzadas  

Nanso nsahyɛfoɔ panin no ankae Yosef, na ne werɛ firii no.


medaa adagya, na mofiraa me ntoma, meyaree, na mobɛhwɛɛ me, medaa afiase, na mobaa me nkyɛn.


meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na moamfa me ankɔ mo fie, medaa adagya, na moamfira me ntoma; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwɛ me.


Na ɔhyɛɛ asraafoɔ ɔha so panin no sɛ ɔmfa no nsie, na wɔnnyɛ no biribiara, na ne ho nnipa bi bɛsom no anaasɛ ɔba ne nkyɛn a, ɔnnkame no.


Na adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔgyinaa Sidon. Na Yulio yɛɛ Paulo adɔeɛ maa no kwan sɛ ɔnkɔ ne nnamfonom nkyɛn mma wɔnhwɛ no.


Mo ne anigyefoɔ ani nnye, na mo ne asufoɔ nsu.


Na sɛ kwaa baako hunu amane a, akwaa no nyinaa hunu bi; sɛ nso wɔhyɛ kwaa baako animuonyam a, akwaa no nyinaa ne no bom ani gye.


Enti afei me, Awurade deduani, metu mo fo sɛ monnante sɛdeɛ ɛfata frɛ a wɔde afrɛ mo,


Me nkyea a me Paulo mede me nsa metwerɛ nie. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.


Na momaa nneduafoɔ amaneɛ kaa mo, mode anigyeɛ nso penee mo nnoɔma fom sɛ monim sɛ mowɔ ahodeɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ ɔsoro a ɛtena hɔ.


Wɔsii wɔn aboɔ, de sradaa paee wɔn mu, sɔɔ wɔn hwɛɛ, de nkrantɛ kunkumm wɔn. Wɔkyinii nnwanten ne mmirekyie nwoma mu, ɛhiaa wɔn, wɔn ho dwanee wɔn, wɔhunuu amane.


N’awieeɛ ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkorɔ, monhunu mmema mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmema mo ho, monnwene ahobrɛaseɛ adwene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios