Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 10:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛsoɔ na ɛnyɛ nnoɔma no suban ankasa nti, ɛntumi mfa afɔdeɛ korɔ no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mmara no yɛ nneɛma pa nsusuwso a ɛreba, na mmom ɛnyɛ nneɛma pa no ankasa nen. Wɔbɔ afɔre koro no ara afe biara, efisɛ saa afɔre koro a wɔbɔ no afe afe no rentumi mma nnipa a wɔsom no nyɛ pɛ da.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛsoɔ na ɛnyɛ nnoɔma no suban ankasa nti, ɛntumi mfa afɔdeɛ korɔ no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mmara no yɛ nneɛma pa nsususoɔ a ɛreba, na mmom, ɛnnyɛ nneɛma pa no ankasa. Wɔbɔ afɔdeɛ korɔ no ara afe biara, ɛfiri sɛ saa afɔdeɛ korɔ a wɔbɔ no afeafe rentumi mma nnipa a wɔsom no nnyɛ pɛ da.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɛnam sɛ mmara no kura nnepa a ɛbɛba no nhwɛso na ɛnyɛ nneɛma no suban ankasa nti, entumi mfa afɔre koro no ara a wɔbobɔɔ no afe afe nyɛ wɔn a wɔbɔ no pɛ da;

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 10:1
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ no bae, na ɔbɛyɛɛ no sɛdeɛ ne yɛbea teɛ no.


Na deɛ mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛ nti, Onyankopɔn somaa ɔno ara ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ honam no mu


na yeinom yɛ nnoɔma a ɛbɛba no ho mfonini bi ara, na deɛ ɛdi mu ara ankasa no ne Kristo.


momma yɛmfa nokorɛ akoma wɔ gyidie a akyinnyeɛ nni mu koraa mmɛn sɛ nnipa a wɔapete wɔn akoma ho afiri ahonim bɔne mu, na wɔde nsuo krɔgyenn adware wɔn nipadua.


Na afei sɛ pɛyɛ nam Lewifoɔ asɔfodie so ba a, (ɛfiri sɛ ɛno so na ɔman no nyaa mmara no,) anka ɛdeɛn hia na ɛhia bio sɛ Melkisedek akwan so sɔfoɔ foforɔ bɛsɔreɛ na wɔnka no sɛ Aaron kwan soɔ?


Wɔn na wɔsom ɔsoro nnoɔma nhwɛsoɔ ne mfonini, te sɛdeɛ asɛm a berɛ a Mose rebɛsiesie ntomadan no, ɛbaa ne nkyɛn a ɛse: Hwɛ, yɛ ade nyinaa sɛdeɛ nsususoɔ a wɔkyerɛɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ.


Nanso Kristo a ɔbaa sɛ nnepa a aba dada no ho sɔfo panin, nam ntomadan a ɛso na ɛyɛ pɛ kyɛne soɔ, (a wɔamfa nsa ansie, ɛne sɛ, ɛmfiri adebɔ yi mu mu),


Ɛnneɛ na ɛtwa sɛ wɔde yeinom te ɔsoro nnoɔma nhwɛsoɔ no ho. Na ɔsoro nnoɔma no ankasa deɛ, wɔde afɔdeɛ a ɛyɛ kyɛne yeinom na ɛtee ho.


Nanso wanhyɛne hɔ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ mprɛ pii, sɛdeɛ ɔsɔfo panin de obi mogya hyɛne kronkronbea daa mfirinhyia no;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios