Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 1:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na ɔnya de abakan no ba wiase bio a, ɔse: Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔnya de abakan no ba wiase bio a, ɔse: Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛberɛ a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba ewiase no, ɔsane kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ nyinaa som no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na onya de abakan no ba wiase bio a, ose: Ma Onyankopɔn abɔfo nyinaa nsɔre no!

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 1:6
17 Referencias Cruzadas  

Ahonisomfoɔ, mekyerɛ wɔn a wɔde abosonhuhuo hoahoa wɔn ho no nyinaa ani awu, mo anyame nyinaa, monkoto no.


Na wɔbɛka ahennie no ho asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ; ɛno ansa na awieeɛ no bɛba.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Obi nhunuu Onyankopɔn pɛn; Ɔba a ɔwoo no korɔ no a ɔtwere Agya no kokom no, ɔno na wayi no adi akyerɛ.


Na sɛdeɛ Onyankopɔn dɔɔ wiase nie, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no korɔ no maeɛ, na obiara a ɔgye no die no anyera, na wanya daa nkwa.


Na wɔn a ɔhunuu wɔn sieeɛ no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan.


Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese, ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were, na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka, na wapata ama n’asase, ne man.


Ɔno ara na ɔyɛ Onyankopɔn a wɔnhu no no nsɛso ne abɔdeɛ nyinaa farebae,


Na ɔno ne nipadua a ɛyɛ asafo no tire; ɔno ne mfitiaseɛ, awufosɔreɛ mu farebae, sɛ ɔnnyɛ ade nyinaa mu kannifoɔ.


Na abɔfoɔ mu hwan na waka akyerɛ no pɛn sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ, na bio: Mɛyɛ no Agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba?


Enti ɔreba wiase no, na ɔkaa sɛ: Afɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me.


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


Yei mu na Nyankopɔn dɔ no yii ne ho adie wɔ yɛn ho, sɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.


ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdansefoɔ nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo. Deɛ ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya adware yɛn afiri yɛn bɔne mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios