Hagai 2:3 - Twerɛ Kronkron3 Mo mu hwan na aka a ɔhunuu ɛdan yi n’akane animuonyam no? Na afei mohu no sɛn? Ɛnte sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee, mo ani so? Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm3 ‘Mo a moaka yi mu hena na ohuu saa ofi yi anuonyam sɛnea na ɛte kan no? Muhu no dɛn nnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee mprempren ana? Ver CapítuloNew Revised Asante Twi Bible3 Mo mu hwan na aka a ɔhunuu ɛdan yi n’akane animuonyam no? Na afei mohu no sɛn? Ɛnte sɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee, mo ani so? Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm3 ‘Mo a mo aka yi mu hwan na ɔhunuu saa fie yi animuonyam sɛdeɛ na ɛteɛ kane no? Ɛte mo sɛn ɛnnɛ? Ɛnyɛ mo sɛ ɛnsɛ hwee seesei anaa? Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON3 Mo mu hena na aka a ohuu ɔdan yi kan anuonyam no? Na muhu no dɛn afei? So ɛnte sɛ ade a ɛnyɛ hwee, mo ani so? Ver Capítulo |