Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hagai 1:5 - Twerɛ Kronkron

5 Na afei sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monwenwene sɛdeɛ nnoɔma si rekɔ wɔ mo asetena mu ho yie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Asɛm a, Asafo Awurade ka ni: “Munnwen mo akwan ho yiye.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na afei sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monwenwene sɛdeɛ nnoɔma si rekɔ wɔ mo asetena mu ho yie.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Asɛm a, Asafo Awurade ka nie: “Monnwene mo akwan ho yie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na afei sɛ asafo Awurade se ni: Monhwɛ sɛnea nneɛma si rekɔ wɔ mo abrabɔ mu no yiye.

Ver Capítulo Copiar




Hagai 1:5
15 Referencias Cruzadas  

momfa mo ani nkari n’afasuo, monhwehwɛ n’aban mu yie, na moaka akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛdi mo akyire no,


Na Farao danee ne ho kɔɔ ne fie, na wamfa yei nso anto n’akomam.


na deɛ wammu AWURADE asɛm no deɛ, ɔgyaa ne nkoa ne ne mmoa wɔ wiram.


Momma yɛmpeepee yɛn akwan mu nhwehwɛ mu, na yɛnsane mmra AWURADE nkyɛn.


Na sɛ wahunu, na wasane afiri ne mmarato a ɔdiiɛ no nyinaa ho nti, nkwa na ɔbɛnya, ɔrenwu.


Na ɔbarima no kasa kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa w’ani hwɛ, na fa w’aso tie, na fa w’adwene to deɛ merema woahunu no nyinaa so. Na sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mɛma woahunu nti na wɔde wo baa ha. Ka deɛ wohunu yi nyinaa kyerɛ Israel fie.


Mo deɛ, ɛberɛ aduru ama mo sɛ motete mo adan a wɔaduradura mu mu, wɔ berɛ a efie yi deɛ, ayɛ dantuo yi?


Modua pii, nanso ketewa bi na monya firi mu; modidi, nanso mommee, monom nsa, nanso ɛnso mo; mofirafira ntoma, nanso mo ho nyɛ mo hye na ɔpaani apaadeɛ gu fotoɔ a wɔafiti ɛtoɔ mu.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Afei monwenwene mo akwan ho yie,


Na n’ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: Apaafoɔ ahe na m’agya nnie a wɔnnya aduane ma no mmoro soɔ; na me deɛ, ɛkɔm rekum me yi?


Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidie no mu anaa? Mommisa mo ho nhwɛ! Anaasɛ monnim mo ho sɛ Yesu Kristo te mo mu? Gye sɛ mommfata deɛ.


Na ma obiara nsɔ ɔno ara n’adwuma nhwɛ, ɛno na ɔbɛnya ɔno ara ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios