Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 2:21 - Twerɛ Kronkron

21 ɛfiri sɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara deɛ, na ɛnyɛ deɛ ɛyɛ Kristo Yesu deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Obiara pɛ ɔno ara ne yiyedi a Yesu Kristo ho asɛm mfa ne ho.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

21 ɛfiri sɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara deɛ, na ɛnyɛ deɛ ɛyɛ Kristo Yesu deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Obiara pɛ ɔno ara ne yiedie a Yesu Kristo ho asɛm mmfa ne ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 efisɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara de, na ɛnyɛ nea ɛyɛ Kristo Yesu de.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 2:21
19 Referencias Cruzadas  

Na Ɔhene Yehoas afe a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa soɔ no, na asɔfoɔ no nnya nsiesiee efie no mu adango no.


Na akraman no yɛ adufudepɛfoɔ sɛ, wɔnnim ɔmeeɛ. Nnwanhwɛfoɔ no nso nni nhunumu, wɔn nyinaa adanedane wɔn ani akyerɛkyerɛ wɔn akwan so, obiara hwehwɛ ne mfasoɔ, obiara biara.


Anka ɛyɛ sɛ mo mu bi kɔtoto apono mu nso, na moansɔ m’afɔrebukyia so gya kwa! m’ani nsɔ mo hwee, asafo AWURADE na ɔseɛ, na mo nsam ayɛyɛdeɛ nyɛ me fɛ.


Ɛnna Yesu see n’asuafoɔ no sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyire a, ma no mpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛnnua so, na ɔnni m’akyi.


Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani.


Na Paulo ne ne mfɛfoɔ tu firii Pafo no, wɔbaa Perge a ɛwɔ Pamfilia; na Yohane twee ne ho firii wɔn ho sane kɔɔ Yerusalem.


Nanso Paulo susuu sɛ ɛnyɛ sɛ wɔbɛfa deɛ ɔtwee ne ho firii wɔn ho Pamfilia na ɔne wɔn ankɔyɛ adwuma no aka wɔn ho.


Obiara nnhwehwɛ ɔno ara ne yiedie, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko yiedie.


sɛdeɛ me nso mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa nyinaa ani, nnoɔma nyinaa mu, na menhwehwɛ deɛ ɛyɛ ma me nko ara, na mmom deɛ ɛyɛ ma dodoɔ no, na ebia wɔagye wɔn nkwa.


ɛnyɛ ne ho deɛ ɛmfata, ɛnhwehwɛ deɛ ɛyɛ ɔno nko ara ne deɛ, ne bo nha no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam,


Na sɛdeɛ Kristo amanehunu a ɛso pa ara ba yɛn soɔ no, saa ara nso na yɛn awerɛkyekyerɛ nam Kristo so boro soɔ.


Mommma obiara nnhwɛ ɔno nko ara adeɛ, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfoɔ deɛ bi.


Wonim yei, sɛ wɔn a wɔwɔ Asia nyinaa adane afiri me nkyɛn, wɔn mu bi ne Figelo, ne Hermogene.


Ɛfiri sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfoɔ, sikapɛfoɔ, ahohoahoafoɔ, ahantanfoɔ, abususɛnkafoɔ, awofoɔ asɛm ho asoɔdenfoɔ, bonniayɛfoɔ, wɔn a biribiara ho nte mma wɔn,


Ɛfiri sɛ Dema apɛ seesei wiase agya me hɔ, na wasim kɔ Tesalonika, Kreske kɔ Galatia, Tito kɔ Dalmatia.


Me nyiano a ɛdi kan no mu, obiara ammɛgyina m’akyi, na wɔn nyinaa gyaa me hɔ; wɔmmmu nngu wɔn so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios