Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 2:12 - Twerɛ Kronkron

12 Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ moyɛ setie daa no, ɛnyɛ sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a menni mo nkyɛn yi titire no, momfa suro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma nwie;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Enti me nnamfo pa, sɛnea na me ne mo te hɔ a na mutie me no, saa ara nso na bere a minni mo nkyɛn mprempren yi ɛsɛ sɛ mutie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopo ne osuro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagye ho adwumayɛ,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

12 Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ moyɛ setie daa no, ɛnyɛ sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a menni mo nkyɛn yi titire no, momfa suro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma nwie;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Enti, me nnamfo pa, sɛdeɛ na me ne mo te hɔ a na motie me no, saa ara nso na ɛberɛ a menni mo nkyɛn seesei yi, ɛsɛ sɛ motie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopoɔ ne suro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagyeɛ ho adwumayɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Enti, m’adɔfo, sɛnea mutie daa no, ɛnyɛ sɛ bere a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a minni mo nkyɛn yi titiriw no, momfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ara nkwagye ho adwuma nwie;

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 2:12
41 Referencias Cruzadas  

Enti momma yɛne yɛn Nyankopɔn mpam sɛ yɛbɛyi yɛn yerenom no nyinaa ne mma a wɔawowo wɔn no afiri yɛn mu, me wura ne wɔn a yɛn Nyankopɔn mmara asɛm no ma wɔn ho popoɔ no afotuo no nti; na wɔnyɛ no sɛdeɛ mmara no teɛ.


Wo ho hu ma me honam popo, na mesuro w’atemmudeɛ.


Monsom AWURADE osuro mu, na monni ahurisie ahopopoɔ mu.


Ɔteneneeni adeyɛ ma nkwa, ɔbɔnefoɔ nnɔbaeɛ deɛ, ɔde yɛ bɔne.


Onihafoɔ kra kɔn dɔ, na ɔnnya, na nsiyɛfoɔ kra deɛ ɔbɛdɔre sradeɛ.


Na yeinom nyinaa, me nsa na ɛyɛeɛ, saa nti yeinom nyinaa yɛ me dea, AWURADE asɛm nie. Na deɛ mɛhwɛ no nie: Deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ, na ne honhom abubuo, na ne ho popo m’asɛm ano.


Montie AWURADE asɛm, mo a n’asɛm nti mo ho popoɔ: Mo nuanom a wɔtane mo a me din nti wɔtu mo no ka sɛ: AWURADE nnya animuonyam na yɛnhunu mo anigyeɛ; nanso wɔn na wɔn ani bɛwu.


Na ɛfiri Osuboni Yohane berɛ so bɛsi nnɛ wɔyɛ ɔsoro ahennie no ho adeɛ anibereɛ so, na wɔn a wɔn ani abereɛ no fa no aniɛden so.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ medwo na mebrɛ me ho ase akoma mu; na mobɛnya ɔhome ama mo kra.


Na ɔbisaa kanea de mmirika bae, na ɔde ahopopoɔ bɛhwɛɛ Paulo ne Silas anim,


Sɔre kɔ kuro no mu, na wɔbɛka wo deɛ ɛsɛ sɛ woyɛ.


Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ animuonyam ne anidie ne adeɛ a ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn daa nkwa.


Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.


Na me deɛ, mmerɛyɛ ne ehu ne ahopopoɔ bebree mu na me ne mo tenaeɛ.


Mentwerɛ yei memmɛgu mo anim ase, na mmom mede rebɛtu mo fo sɛ me mma adɔfo.


Na n’akoma wɔ mo ho pii boro so, na ɔkae mo nyinaa setie, sɛdeɛ mode suro ne ahopopoɔ gyee no no.


Nkoa, momfa suro ne ahopopoɔ ntie mo honam fam wuranom asɛm mfiri mo akoma mu, sɛdeɛ moyɛ ma Kristo,


Ɛnneɛ na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mebɛhu mo oo, sɛ menni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mogyina pintinn honhom korɔ mu, na mode adwene korɔ bɔ mu di apereɛ gyidie a ɛfiri asɛmpa no mu,


ɛfiri sɛ mo na wɔde adom mo sɛ Kristo nti, ɛnyɛ sɛ mogye no die nko, na mmom sɛ ne nti mohunu amaneɛ nso,


mo ayɔnkofa a mowɔ no asɛmpa no fam firi da a ɛdi kan de abɛduru nnɛ yi nti;


na mewɔ yei ara ho ahotosoɔ sɛ deɛ wafiri adwuma pa ase wɔ mo mu no bɛwie akɔsi Yesu Kristo da no.


Nanso m’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛre koraa mɛsoma Timoteo ama no aba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me.


Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigyeɛ ne m’abotire, monnyina pintinn wɔ Awurade mu saa, m’adɔfoɔ.


Na mo Filipifoɔ nso monim sɛ asɛmpa no mfitiaseɛ mu a mefiri Makedonia mekɔeɛ no, asafo biara ammoa me ɔma ne ɔgyeɛ nkontabuo ho, sɛ mo nko ara.


na daa yɛkae mo gyidie adwuma ne mo dɔ mmɔdemmɔ ne yɛn Awurade Yesu Kristo ho anidasoɔ mu boasetɔ, yɛn Nyankopɔn ne Agya anim.


Yei nti meto me bo ase amaneɛ nyinaa mu, wɔn a wɔayi wɔn no nti, na wɔn nso anya nkwagyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ne daa animuonyam.


Saa nti yɛn nso, ɛnam sɛ yɛwɔ adansefoɔ pii a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛnto adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na ɛtwa yɛn ho hyia si yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansie a ɛda yɛn anim no mu mmirika,


Saa nti, ɛnam sɛ wɔagya yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, momma yɛnsuro, na mo mu biara anyɛ sɛ waka akyi.


Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛne ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden korɔ no ara ho nhwɛsoɔ.


na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,


Adɔfo, metu mo fo sɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ, sɛ monyi mo ho mfiri honam akɔnnɔ a ɛne ɔkra ko no ho,


Na monnyini yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios