Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:26 - Twerɛ Kronkron

26 na mo ahohoahoa aboro so Kristo Yesu mu wɔ me nti, ɛsiane meba a mereba mo nkyɛn bio no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesan bɛsra mo bio a, mubenya biribi agyina so ahyɛ Kristo anuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

26 na mo ahohoahoa aboro so Kristo Yesu mu wɔ me nti, ɛsiane meba a mereba mo nkyɛn bio no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Mʼasetena yi bɛma mo ani agye na sɛ mesane bɛsra mo bio a, mobɛnya biribi agyina so ahyɛ Kristo animuonyam sɛ ɔbɔɔ me ho ban.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 na mo ahohoahoa aboro so Kristo Yesu mu wɔ me nti, esiane meba a mereba mo nkyɛn bio no.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:26
14 Referencias Cruzadas  

Maba me turo mu, me nua, m’ayeforɔ, meretete me kurobo ne m’aduhwam, meredi me woɔkyɛm ne me woɔ, merenom me nsa ne me nufosuo. Nnamfonom, monnidi, adɔfonom, monnom na mommee.


Na mo nso, seesei deɛ, mowɔ awerɛhoɔ; na mɛhu mo bio, na mo akoma bɛtɔ mo yam, na mo anigyeɛ no, obi rennye mo nsam;


Ɛde bɛduru sɛsɛɛ deɛ, monsrɛɛ biribi me din mu; monsrɛ, na mobɛnya, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.


sɛdeɛ mo nso moate yɛn aseɛ fa-ne-fa, sɛ yɛyɛ mo ahohoahoa, sɛdeɛ mo nso moyɛ yɛn deɛ, yɛn Awurade Yesu da no.


Na yɛnsane nyi yɛn ho ayɛ nkyerɛ mo bio, na mmom yɛrema mo deɛ monam so bɛhoahoa mo ho yɛn fam, na moanya deɛ mode bɛbua wɔn a wɔhoahoa wɔn ho nnipa anim na ɛnyɛ akoma mu.


Na sɛ mede mo mehoahoa me ho mekyerɛɛ no a, m’ani anwu, na mmom sɛdeɛ yɛkaa mo nsɛm nyinaa nokorɛ mu no, saa ara nso na yɛn ahoahoa a yɛhoahoaa yɛn ho wɔ Tito anim no ayɛ nokorɛ.


Mewɔ akokoɔduro kɛseɛ wɔ mo ho, mewɔ mo ho ahohoahoa pii; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma, na m’anigyeɛ aboro so pii yɛn ahohia nyinaa mu.


nanso Onyankopɔn a ɔkyekyere ahobrɛaseɛfoɔ werɛ no de Tito ba a ɔbaeɛ no kyekyeree yɛn werɛ.


Na ma obiara nsɔ ɔno ara n’adwuma nhwɛ, ɛno na ɔbɛnya ɔno ara ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.


Afei deɛ ɛdi akyire, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ metwerɛ mo ade korɔ no ara a, ɛnyɛ adeɛ a ɛha me, na mmom, ɛma motim.


Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.


Nso m’ani gye kɛseɛ wɔ Awurade mu sɛ moafiri aseɛ redwene me ho bio; modwene me ho deɛ, nanso moannya ho kwan.


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios