Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:18 - Twerɛ Kronkron

18 Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na yei mu na medi ahurisie; enti ɛdeɛn, m’ani bɛgye ara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Eyi nti na ayɛ dɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Nea ehia ara ne sɛ, sɛ wofi adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka. Na eyi nti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na yei mu na medi ahurisie; enti ɛdeɛn, m’ani bɛgye ara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Yei enti, na ayɛ ɛdeɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Deɛ ɛhia ara ne sɛ, sɛ wɔfiri adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka. Na yei enti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Enti na adɛn? Akwan nyinaa mu no sɛ mpatuyɛ mu oo, sɛ wɔyɛ no nokwarem oo, Kristo ho asɛm ara na wɔka; na eyi mu na medi ahurusi; enti dɛn, m’ani begye ara.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:18
13 Referencias Cruzadas  

Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛboro soɔ.


Na wɔante asɛm yi ase, ɛfiri sɛ na wɔde ahunta wɔn na wɔanhunu. Na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no asɛm yi.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Mommmara no! Na deɛ ɔnyɛ biribi ntia mo no na ɔwɔ mo afa.


Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛn Yudafoɔ sene yeinom anaa? Yɛnsene wɔn koraa. Na yɛde akane nsɛm no akyekyere Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase,


Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ yɛnni mmara ase, na mmom adom ase anaa? Dabi da.


Afei mese deɛn? Sɛ abosom afɔdeɛ yɛ biribie anaasɛ ɔbosom yɛ biribie?


Na afei ɛdeɛn? Mede honhom bɛbɔ mpaeɛ, na mede adwene nso mabɔ mpaeɛ; mede honhom bɛto dwom, na mede adwene nso mato dwom.


Enti sɛ me oo, sɛ wɔn oo, saa na yɛka, na saa na mogye diiɛ.


Ɛfiri sɛ menim sɛ ɛnam mo nkotosrɛ ne Yesu Kristo honhom mmoa no so na yei bɛdane nkwagyeɛ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios