Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:15 - Twerɛ Kronkron

15 Ɛwom sɛ, ebinom wɔ hɔ a nitan ne atutupɛ nti na wɔka Kristo ho asɛm deɛ, nanso afoforɔ wɔ hɔ a wɔde anisɔ nso na ɛka.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛyɛ nokware sɛ wɔn mu ebinom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforo, na afoforo nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

15 Ɛwom sɛ, ebinom wɔ hɔ a nitan ne atutupɛ nti na wɔka Kristo ho asɛm deɛ, nanso afoforɔ wɔ hɔ a wɔde anisɔ nso na ɛka.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

15 Ɛyɛ nokorɛ sɛ wɔn mu binom nam nitan ne ntɔkwapɛ so ka Kristo ho asɛm foforɔ, na afoforɔ nso de adwene pa na ɛka ne ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

15 Ebinom wɔ hɔ a nitan ne atutupɛ nti na wɔka Kristo ho asɛm de, nanso ebinom wɔ hɔ a wɔde anisɔ nso na ɛka.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:15
22 Referencias Cruzadas  

Na wɔyɛ wɔn nnwuma nyinaa sɛdeɛ nnipa bɛhu wɔn. Na wɔyɛ wɔn nkaeɛ nwoma atɛtrɛtɛ, na wɔyɛ wɔn ntadeɛ ano nnwo akɛseɛ.


Sɛdeɛ asɛm a ɔde brɛɛ Israel mma berɛ a ɔnam Yesu Kristo so kaa asomdwoeɛ ho asɛmpa no teɛ no; ɔno ne nnipa nyinaa wura.


Na wɔn mu binom nso a wɔyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ baa Antiokia no, wɔkasa kaa Awurade Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ Helafoɔ no.


Na wɔannyae sɛ daa nyinaa wɔka asɛmpa no na wɔkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie ne afie mu sɛ Yesu ne Kristo no.


Na Filipo buee n’ano, na ɔgyinaa twerɛsɛm no ara so kaa Yesu ho asɛmpa no kyerɛɛ no.


Na Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ wɔn.


Na ntɛm ara ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ ɔne Nyankopɔn ba no.


Na wɔn a wɔfiri atutupɛ mu, na wɔntie nokorɛ, na wɔtie deɛ ɛntene no, abufuo ne abufuhyeɛ bɛba wɔn so.


na yɛn deɛ, yɛka Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho asɛm; ɔyɛ suntidua ma Yudafoɔ, na ɔyɛ nkwaseasɛm ma amanaman mufoɔ.


Na sɛ mepore m’ahodeɛ nyinaa mema ahiafoɔ, na mede me nipadua mema sɛ wɔnhye, na menni dɔ a, merennya ho mfasoɔ biara.


Na Nyankopɔn ba Kristo Yesu a me ne Silwano ne Timoteo kaa ne ho asɛm mo mu no, anyɛ aane ne dabi, na aane mmom na ɛwɔ ne mu.


Na saa nnipa yi yɛ asomafoɔ atorofoɔ, adwumayɛfoɔ nnaadaafoɔ a wɔdane wɔn ho yɛ sɛ Kristo asomafoɔ.


Na mesuro sɛ ebia meba a, meremmɛto mo sɛdeɛ mepɛ, na me nso morenhu me sɛdeɛ mopɛ; ebia ntɔkwako, ahoɔyea, abufuo, asikan, nsekuro, wesewese, ahantan, sakasakayɛ wɔ mo mu;


Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom Kristo Yesu, sɛ ɔne Awurade, ɛne yɛn nso, sɛ Yesu nti yɛyɛ mo nkoa.


Na ɛyɛ anuanom atorofoɔ a wɔfiri baabi baeɛ no ntira; wɔn na wɔawiawia wɔn ho aba mu sɛ wɔrebɛhwehwɛ yɛn adehyedie a yɛwɔ no Kristo mu no ho akwan, na wɔde yɛn akɔ nkoayɛ mu.


Monnnwene biribi atutupɛ anaa animuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛaseɛ adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛne mo ara mo ho.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios