Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Filipifo 1:14 - Twerɛ Kronkron

14 na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a, sɛ wɔka Nyankopɔn asɛm no a, wɔnsuro.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wotumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoduru so a wonsuro hwee.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

14 na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a, sɛ wɔka Nyankopɔn asɛm no a, wɔnsuro.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Afiase a meda no ahyɛ anuanom bebree nkuran wɔ Awurade mu ma wɔtumi ka Onyankopɔn asɛm no wɔ akokoɔduru so a wɔnsuro hwee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 na anuanom no mu pii nam Awurade mu de wɔn ani ato me mpokyerɛ so ayɛ nnam aboro so a sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no a, wonsuro.

Ver Capítulo Copiar




Filipifo 1:14
16 Referencias Cruzadas  

Na ɔsee onipa a ne nsa adwodwoɔ no sɛ: Sɔre gyina ha.


sɛ ɔbɛma wɔayi yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam, na yɛasom no a ehu nni mu,


Na sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,


Mewɔ akokoɔduro kɛseɛ wɔ mo ho, mewɔ mo ho ahohoahoa pii; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma, na m’anigyeɛ aboro so pii yɛn ahohia nyinaa mu.


Enti mesrɛ sɛ mommpa aba m’amaneɛ a mo nti mehunu a ɛne mo animuonyam no mu.


mewɔ anidasoɔ na mehwɛ kwan dendeenden sɛ, m’anim rengu ase wɔ biribiara mu, na mmom me namyɛ kɛseɛ nti, sɛdeɛ ɛte daa no, seesei ara nso, sɛ nkwa mu oo, owuo mu oo, wɔbɛkamfo Kristo wɔ me nipadua mu.


Ɛyɛ ma me sɛ medwene saa fa mo ho, ɛfiri sɛ moda m’akoma so pa ara, na mo nyinaa ne me wɔ kyɛfa wɔ Nyankopɔn adom no mu, me mpokyerɛ mu ne ɛberɛ a megyinaa pintinn twitwa gyee asɛmpa no na mepae mu kae no.


Enti, me nuanom a medɔ mo na mefe mo, m’anigyeɛ ne m’abotire, monnyina pintinn wɔ Awurade mu saa, m’adɔfoɔ.


na mayi no adi, sɛdeɛ ɛsɛ me sɛ mekasa.


Tihiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ ne m’awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka mo me ho nsɛm nyinaa.


Na ɛwom sɛ yɛadi kan ahunu amane, na wɔabɔ yɛn adapaa wɔ Filipi sɛdeɛ monim no deɛ, nanso yɛyɛɛ nnam wɔ yɛn Nyankopɔn mu, sɛ yɛbɛka Nyankopɔn asɛmpa no akyerɛ mo, ɔko bebree mu.


Ɛno mu na mehunu amane bɛduru ɔkyerɛ mu sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ, nanso Nyankopɔn asɛm deɛ, wɔnkyeree no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios