Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 6:10 - Twerɛ Kronkron

10 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: Ka wo ho kɔfa atadeɛ ne ɔpɔnkɔ no, sɛdeɛ woaka no, na yɛ saa ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu no. Nnya deɛ woaka no nyinaa mu biara.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman se, “Eye koraa! Ka wo ho kɔfa ahentade no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛnea wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfi pon ano no. Mma wo werɛ mmfi sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: Ka wo ho kɔfa atadeɛ ne ɔpɔnkɔ no, sɛdeɛ woaka no, na yɛ saa ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu no. Nnya deɛ woaka no nyinaa mu biara.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ, “Ɛyɛ koraa! Ka wo ho kɔfa ahentadeɛ no ne me pɔnkɔ no, na yɛ sɛdeɛ wopɛ sɛ woyɛ no ma Yudani Mordekai a ɔte ahemfie ɛpono ano no. Mma wo werɛ mfiri sɛ wobɛyɛ biribiara a woaka ho asɛm no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: Ka wo ho kɔfa atade ne ɔpɔnkɔ no, sɛnea woaka no, na yɛ saa ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene ponkɛse mu no; nnyaw nea woaka no nyinaa mu biara.

Ver Capítulo Copiar




Ester 6:10
7 Referencias Cruzadas  

Monhunu afei, sɛ AWURADE asɛm a ɔkaa no Ahab fie ho no mu biara bɛba mu, na AWURADE ayɛ deɛ ɔnam n’akoa Elia so kaeɛ no.


Na Haman faa atadeɛ no ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde hyɛɛ Mordekai, na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so de no faa kuro no abɔntene no so, na ɔpae dii n’anim sɛ: Sei na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no!


na wɔmfa atadeɛ no ne ɔpɔnkɔ no nhyɛ ɔhene mmapɔmma akɛseɛ no mu bi nsa, na wɔmfa nhyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no, na wɔmma no ntena ɔpɔnkɔ no so mfa kuro no abɔntene so, na wɔmpae nni n’anim sɛ: Sei na wɔyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no!


Monhyɛ mo ho den na monsi mo bo, mo a motwɛn AWURADE nyinaa.


Na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.


Dodoɔ a ɔhyɛɛ ne ho animuonyam na ɔdii taamu no, momma n’ayayadeɛ ne n’awerɛhoɔ nnɔɔso saa. Ɛfiri sɛ ɔkaa no n’akoma mu sɛ: Mete hɔ sɛ ɔhemmaa, na menyɛ okunafoɔ, na merenni awerɛhoɔ da.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios