Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 2:13 - Twerɛ Kronkron

13 Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ sɛ ɔde firi mmaa no fie kɔ ɔhene fie no, wɔde ma no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Na sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atade anaa agude a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ sɛ ɔde firi mmaa no fie kɔ ɔhene fie no, wɔde ma no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Na sɛ ɛduru ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atadeɛ anaa agudeɛ a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ababaa no de saa kɔ ɔhene nkyɛn a biribiara a ɔpɛ no sɛ ɔde fi mmea fi hɔ akɔ ɔhene fi no, wɔde ma no.

Ver Capítulo Copiar




Ester 2:13
3 Referencias Cruzadas  

Na da biara Mordekai kɔnante mmaa fie no abannwa no anim, na wahunu sɛ Ester te yie, ne deɛ wɔde no bɛyɛ.


Na ɛduru mmabaa no biara so a, ɔkɔ Ɔhene Akas-weros nkyɛn. Nso wɔyɛɛ no sɛdeɛ mmaa no ahosiesie mmara teɛ kɔsii sɛ abosome dummienu duruiɛ ansa. Na sɛdeɛ wɔn sra nna dodoɔ teɛ no, wɔde kurobo bɔɔ no abosome nsia, na wɔde nnuhwam ne mmaa nku sraa no abosome nsia nso.


Anadwofa na ɔkorɔ, na anɔpa na ɔsane kɔ mmaa fie a ɛtɔ so mmienu, a ɛhyɛ ɔhene piani Saasgas a ɔhwɛ ne mpenafoɔ so aseɛ no mu. Na ɔnkɔ ɔhene nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no pɛ na ɔbɔ ne din frɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios