Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Ester 1:13 - Twerɛ Kronkron

13 Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ a wɔnim mmara no, (ɛfiri sɛ saa na na ɔhene asɛm ba wɔn a wɔnim mmara ne asennie no anim,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Esiane sɛ na ɛyɛ amanne sɛ ɔhene bebisa nʼafotufo a wonim Persia mmara ne nʼamanne ne nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ nti, ɔne wɔn a wɔte mmere ase

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanimfoɔ a wɔnim mmara no, (ɛfiri sɛ saa na na ɔhene asɛm ba wɔn a wɔnim mmara ne asennie no anim,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ntɛm so, ɔbisaa nʼafotufoɔ a wɔnim Persia mmara ne nʼamanneɛ deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ, ɛfiri sɛ, na ɔtaa bisa wɔn afotuo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔhene no ka kyerɛɛ mpanyimfo a wonim mmara no, (efisɛ saa na ɔhene asɛm ba wɔn a wonim mmara ne asɛnni no anim,

Ver Capítulo Copiar




Ester 1:13
11 Referencias Cruzadas  

Isakar mma mu nnipa a wɔyɛ mmerɛ mu nhunumufoɔ sɛ wɔbɛhunu deɛ ɛsɛ sɛ Israel yɛ no, wɔn mu atitire ahanu, na wɔn nuanom nyinaa tiee wɔn.


Sebulon mu nnipa mpem aduonu a wɔawedare wɔ akodie a wɔde akodeɛ nyinaa amia ama ɔsakorɔ sɛ wɔde akoma a ɛnyɛ ntanta rebɛboa Dawid.


Nanso Ɔhemmaa Wasti amma sɛdeɛ ɔhene somaa mpiafoɔ maa wɔbɛhyɛɛ no no. Ɛnna ɔhene no bo fuu pii, na n’abufuo dɛree wɔ ne mu.


Hwan na ɔrensuro woɔ, O amanaman Hene? Wo na ɛfata woɔ; amanaman anyansafoɔ nyinaa mu ne wɔn ahennie nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.


Na anɔpa mose: Ahum bɛtu nnɛ, ɛfiri sɛ ɔsoro abere na ayɛ kusuu. Monim ɔsoro ani nsɛm mu kyerɛ, na mmerɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ deɛ, montumi nkyerɛ mu.


Na wɔwoo Yesu Betlehem a ɛwɔ Yudea, Ɔhene Herode berɛ so no, hwɛ anyansafoɔ bi firi Apueeɛ baa Yerusalem


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios